1 Ahemfo
19 Na Ahab+ kaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔde nkrantɛ akunkum adiyifoɔ+ no nyinaa kyerɛɛ Yesebel.+ 2 Ɛnna Yesebel tuu ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Elia sɛ: “Sɛ ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ na memmaa wo kra nyɛɛ sɛ wɔn mu baako kra a, anyame no ntua me ka+ na wɔmfa bi nka ho!”+ 3 Na ehu kaa no. Enti ɔsɔre dwane de peree ne kra,+ na ɔkɔpuee Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asase soɔ.+ Ɛnna ɔgyaa ne somfoɔ no hɔ. 4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ serɛ so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛɛ sɛ ne kra nwu, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra firi me nsam,+ na menyɛ mensene m’agyanom.”
5 Afei ɔde ne ho too fam, na ɔfaa mu daa sisia+ no ase. Na hwɛ! ɔbɔfoɔ+ bi bɛkaa+ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre didi.” 6 Ɔnkɔhwɛ a, paanoo+ na ɛgu aboɔ hyehyeehye soɔ na nsutoa nso wɔ n’atifi yi. Na ɔdidi nomeeɛ, na ɛno akyi no, ɔsan danee ne ho too hɔ. 7 Akyire yi, Yehowa bɔfoɔ+ no san baa ne mprenu soɔ bɛkaa no kaa sɛ: “Sɔre didi, na akwantuo no boro w’ahoɔden so.”+ 8 Enti ɔsɔre didi nomeeɛ, na ɔde ahoɔden a ɔnya firii aduane no mu twaa kwan adaduanan,+ awia ne anadwo; ɔkɔeɛ ara kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn bepɔ, Horeb+ so.
9 Ɛhɔ na ɔkɔhyɛnee ɔbodan+ bi mu sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na hwɛ! Yehowa asɛm baa ne nkyɛn wɔ hɔ, na ɔbisaa no sɛ: “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ no ha?”+ 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ninkunu na matwe+ ama asafo Nyankopɔn Yehowa, ɛfiri sɛ Israelfoɔ agya w’apam,+ w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri agu,+ wɔde nkrantɛ akunkum w’adiyifoɔ,+ na me nko ara na maka;+ na wɔrehwehwɛ me kra ayi afiri hɔ.”+ 11 Na ɔkaa sɛ: “Firi adi kɔgyina bepɔ no so Yehowa anim.”+ Na hwɛ! ná Yehowa reba,+ na mframa kɛseɛ a ano yɛ den di Yehowa anim repaepae mmepɔ bubu abotan.+ (Ná Yehowa nni mframa no mu.) Mframa no akyi no, asase wosoeɛ.+ (Ná Yehowa nni asasewosoɔ no mu.) 12 Asasewosoɔ no akyi no, egya baeɛ.+ (Ná Yehowa nni egya no mu.) Egya no akyi no, ɛnne a ɛwɔ fam kasaa bɔkɔɔ.+ 13 Berɛ a Elia tee ɛnne no ara pɛ, ɔde ne ntoma kataa n’anim,+ na ɔfirii adi kɔgyinaa ɔbodan no ano; na hwɛ! ɔtee nne bi, na ɛkasa kyerɛɛ no sɛ: “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ no ha?”+ 14 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ninkunu na matwe ama asafo Nyankopɔn Yehowa, ɛfiri sɛ Israelfoɔ agya w’apam,+ w’afɔrebukyia nso, wɔadwiri agu, wɔde nkrantɛ akunkum w’adiyifoɔ, na me nko ara na maka; na wɔrehwehwɛ me kra ayi afiri hɔ.”+
15 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San sim kɔ Damasko+ serɛ so; kɔ na kɔsra+ Hasael+ na si no Siria so hene. 16 Nimsi+ banana Yehu+ nso, sra no na si no Israel so hene; na sra Safat ba Elisa+ a ɔfiri Abel-Mehola+ no na yɛ no odiyifoɔ ma no nsi w’ananmu.+ 17 Na ɛbɛba sɛ deɛ ɔbɛdwane Hasael nkrantɛ+ ano no, Yehu bɛku no,+ na deɛ ɔbɛdwane Yehu nkrantɛ ano nso, Elisa bɛku no.+ 18 Na mama nnipa mpemnson aka Israel+ a wɔmmuu nkotodwe nkotoo Baal,+ na wɔmfee n’ano.”+
19 Enti ɔfirii hɔ kɔeɛ, na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛntɛm asase,+ na anantwie mpamho dumienu di n’anim, na ɔne deɛ ɛtɔ so dumienu no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atadeɛ+ kɔguu ne soɔ. 20 Ɛhɔ ara na ɔgyaa anantwie no hɔ tuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔfe me papa ne me maame ano+ mfa nkra wɔn ansa na mabɛdi w’akyi.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ bra; masi wo kwan anaa?” 21 Enti ɔsan firii n’akyi, na ɔfaa anantwie no mmienu kuu*+ wɔn, na ɔde nnua a na ɛsosɔ+ anantwie no mu yɛɛ nnyina noaa wɔn nam, na ɔde maa nkurɔfoɔ no maa wɔdiiɛ. Ɛno akyi no, ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom+ no.