1 Samuel
28 Nna no mu no, ɛbaa sɛ Filistifoɔ boaboaa wɔn asraafoɔdɔm ano twaa mpasua sɛ wɔne Israel rekɔko.+ Enti Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wonim pefee sɛ ɛsɛ sɛ wo ne me kɔ nsraban no mu, wo ne wo mmarima no.”+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Ɛno nti na wo ara wonim deɛ w’akoa bɛyɛ no.” Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛno nti na mede wo bɛsi me tiri so ɔwɛmfoɔ daa no.”+
3 Ná Samuel awu, na Israel nyinaa asũ no ama wɔasie no ne kurom Rama.+ Ná Saul nso atu akɔmfoɔ ne asumanfoɔ afiri asase no so.+
4 Ɛnna Filistifoɔ boaboaa wɔn ho ano, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Sunem.+ Enti Saul nso boaboaa Israel nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban wɔ Gilboa.+ 5 Berɛ a Saul hunuu Filistifoɔ nsraban no, ɔsuroeɛ na n’akoma tuu papaapa.+ 6 Saul hwehwɛɛ Yehowa akyiri akwan,+ nanso Yehowa ammua no;+ wamfa daeɛ+ so anaa Urim*+ so anaa adiyifoɔ+ so. 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔhwehwɛ kɔmfobaa bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, kɔmfobaa bi wɔ En-Dor.”+
8 Enti Saul sakraa+ ne ho hyɛɛ ntade foforɔ, na ɔne mmarima mmienu siim kɔeɛ, na wɔkɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo.+ Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, fa asumansɛm so yɛ nyankonneɛ+ ma me, na ma onipa a mɛbɔ ne din akyerɛ woɔ no mforo mmra.” 9 Nanso ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wonim deɛ Saul ayɛ, sɛ watu akɔmfoɔ ne asumanfoɔ ase afiri asase yi soɔ.+ Enti adɛn na worebɛsum me kra fidie ama wɔaku me yi?”+ 10 Ntɛm ara na Saul kaa no ntam Yehowa din mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ asɛm yi ho afɔdie biara remmɛda wo so!” 11 Ɛnna ɔbaa no bisaa sɛ: “Hwan na wopɛ sɛ mema no foro ba?” Na ɔkaa sɛ: “Ma Samuel mforo mmra.”+ 12 Berɛ a ɔbaa no hunuu “Samuel”+ no, ɔfirii aseɛ de nne kɛseɛ teateaam, na ɔbisaa Saul sɛ: “Adɛn nti na woadaadaa me, berɛ a wo ara wone Saul no?” 13 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Ɛdeɛn na wohunuiɛ?” Na ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mehunuu onyame+ bi sɛ ɔreforo firi asase ase ba.” 14 Ɛhɔ ara na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: “Ne su te sɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Akɔkoraa bi a ɔhyɛ atadeɛ ngugusoɔ+ na mehunuu no sɛ ɔreforo ba.” Ɛnna Saul hunuu sɛ ɛyɛ “Samuel,”+ na ɔbɔɔ ne mu ase koto de n’anim butuu fam.
15 Na “Samuel” bisaa Saul sɛ: “Adɛn nti na woaha me ama wɔafrɛ me aba?”+ Ɛnna Saul kaa sɛ: “Me ho akyere me paa,+ ɛfiri sɛ Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn nso apa m’akyi+ na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ so na ɔmfa adaeɛso+ so. Ɛno nti na mafrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ no.”+
16 Ɛnna “Samuel” kaa sɛ: “Sɛ Yehowa apa w’akyi+ abɛyɛ wo tamfo+ deɛ a, adɛn nti na worehwehwɛ m’akyiri kwan? 17 Deɛ Yehowa nam me so kaeɛ no, ɛno ara na ɔbɛyɛ; Yehowa bɛhwim ahennie no afiri wo nsam+ na ɔde ama wo yɔnko Dawid.+ 18 Woantie Yehowa nne,+ na woanyɛ n’abufuhyeɛ a ɛtia Amalek no ho adeɛ,+ ɛno nti Yehowa bɛyɛ wo saa adeɛ yi nnɛ. 19 Yehowa de wo ne Israel nso bɛhyɛ Filistifoɔ nsa,+ na ɔkyena, wo+ ne wo mma+ bɛba abɛka me ho. Israel nsraban no, Yehowa de bɛhyɛ Filistifoɔ nsa.”+
20 Ɛhɔ ara na Saul twa hwee fam na ɔbeaa hɔ, na ɔsuroo papaapa, “Samuel” asɛm no nti. Afei nso na ahoɔden bi nni ne mu, ɛfiri sɛ na ɔnnidii da mũ no nyinaa ne anadwo mũ no nyinaa. 21 Ɛnna ɔbaa no baa Saul nkyɛn bɛhunuu sɛ asɛm no aha no pii. Enti ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, w’afenaa atie wo nne, na mede me kra ato me nsam+ ayɛ deɛ woka kyerɛɛ me no. 22 Enti afei mesrɛ wo, wo nso tie w’afenaa nne na ma memfa paanoo kakra mmɛsi w’anim na di, na woanya ahoɔden de akɔ wo kwan.” 23 Nanso wampene, na ɔkaa sɛ: “Merennidi.” Na ne nkoa ne ɔbaa no srɛɛ no ara. Afei ɔtiee wɔn, na ɔsɔre firii fam tenaa mpa so. 24 Ná ɔbaa no wɔ nantwie ba kɛseɛ+ bi wɔ fie hɔ. Enti ɔyɛɛ ntɛm kum* no,+ na ɔfaa esiam fete de tõõ paanoo a mmɔreka nnim. 25 Na ɔde sii Saul ne ne nkoa no anim, na wɔdiiɛ. Ɛnna wɔsɔreeɛ, na wɔsiim kɔɔ anadwo no.+