2 Samuel 12:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Seesei a wawuo yi, meredi mmuada ayɛ dɛn? Mɛtumi de no aba bio anaa?+ Mɛkɔ ne nkyɛn,+ na ɔno deɛ, ɔrensan mma me nkyɛn.”+ Dwom 115:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɛnyɛ awufoɔ na wɔyi Yah ayɛ,+Anaa wɔn a wɔkɔhyɛ fam komm no.+ Dwom 146:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ne honhom firi kɔ,+ na ɔsan kɔ ne dɔteɛ mu;+Da no ara, ne nsusuiɛ yera.+ Ɔsɛnkafoɔ 9:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu;+ awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara,+ na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio.+ Ɔsɛnkafoɔ 9:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ ɛfiri sɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamena* mu+ a worekorɔ no.+
23 Seesei a wawuo yi, meredi mmuada ayɛ dɛn? Mɛtumi de no aba bio anaa?+ Mɛkɔ ne nkyɛn,+ na ɔno deɛ, ɔrensan mma me nkyɛn.”+
5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu;+ awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara,+ na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio.+
10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ ɛfiri sɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamena* mu+ a worekorɔ no.+