2 Samuel
12 Ɛnna Yehowa somaa Natan+ kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔkɔɔ ne nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima mmienu tenaa kuro bi mu, baako yɛ ɔdefoɔ, na baako yɛ ohiani. 2 Ná ɔdefoɔ no wɔ nnwan ne anantwie bebree pa,+ 3 na ohiani no deɛ, ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ+ no. Ɔyɛn no, na ɔne no ne ne mma boom nyiniiɛ. Ɔdii n’aduane bi, na ɔnom ne kuruwa ano. Ɔdaa ne kokom, na ɔbɛyɛɛ sɛ ne babaa. 4 Afei ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn, nanso wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi yɛ ɔkwantuni a waba ne nkyɛn no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwammereɛ no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.”+
5 Ɛnna Dawid bo fuu ɔbarima no dendeenden,+ na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no fata owuo!+ 6 Sɛ́ wayɛ saa adeɛ yi na wanhunu mmɔbɔ+ nti, odwan no, ɔnhyɛ ananmu+ mprɛ nnan.”+
7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo ara wone ɔbarima no! Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Me na mesraa+ woɔ de wo sii Israel so hene, na me na megyee+ wo firii Saul nsam. 8 Mede wo wura fie+ maa wo, na mede wo wura yerenom+ nso guu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fie maa wo.+ Sɛ ɛsua a, anka mede nneɛma yi ne nneɛma foforɔ bɛka wo ho.+ 9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtia na woayɛ n’ani so bɔne+ yi? Wode nkrantɛ akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfoɔ nkrantɛ na wode kum no. 10 Na afei nkrantɛ+ remfiri wo fie da,+ ɛfiri sɛ woabu me animtia na woafa Hitini Uria yere aware no.’ 11 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mɛma mmusuo asɔre wo fie aba wo so,+ na magye wo yerenom w’anim de wɔn ama wo yɔnko,+ na ɔne wo yerenom adeda awia ketee.+ 12 Wo deɛ, woyɛɛ no ahuntaeɛ mu,+ na me deɛ, mɛyɛ yei awia ketee+ wɔ Israel nyinaa anim.’”+
13 Ɛnna Dawid ka+ kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+ 14 Nanso ɛsiane sɛ woayɛ yei de abu Yehowa animtia+ nti, ɔba a wɔawo no ama wo seesei no, ɔbɛwu.”+
15 Ɛnna Natan siim kɔɔ ne fie.
Na Yehowa kaa+ abɔfra a Uria yere wo maa Dawid no maa no yareeɛ. 16 Na Dawid srɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no maa abɔfra no, na Dawid dii mmuada,+ na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam+ anadwo no. 17 Na ne fie mpanimfoɔ kɔgyinaa ne nkyɛn sɛ wɔrema ne so afiri fam, nanso wampene, na ɔne wɔn annidi+ nso. 18 Ɛbaa sɛ da a ɛtɔ so nson no, abɔfra no wuiɛ. Nso na Dawid nkoa no suro sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu, na wɔkaa sɛ: “Berɛ a abɔfra no te aseɛ no, yɛne no kasaeɛ nanso wantie yɛn. Ɛnneɛ yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ, ‘Abɔfra no awu’? Ɔbɛyɛ adebɔne bi.”
19 Berɛ a Dawid hunuu sɛ ne nkoa reyɛ huhuhuhu no, Dawid hunuu sɛ abɔfra no awu. Enti Dawid bisaa ne nkoa no sɛ: “Abɔfra no awu anaa?” Na wɔbuaa sɛ: “Wawu.” 20 Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware de ngo sraeɛ,+ na ɔsesãã n’atadeɛ kɔɔ Yehowa fie+ hɔ kɔkotoeɛ.+ Ɛno akyi no, ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim ntɛm, na ɔdiiɛ. 21 Ɛnna ne nkoa no bisaa no sɛ: “Adeɛ a woayɛ yi kyerɛ sɛn? Abɔfra no te aseɛ no, ne nti, wodii mmuada na wosuiɛ. Nanso abɔfra no wuiɛ ara pɛ, woasɔre adidi.” 22 Na ɔkaa sɛ: “Abɔfra no te aseɛ no, medii mmuada,+ na mesuiɛ+ ɛfiri sɛ mekaa sɛ, ‘Hwan na ɔnim sɛ ebia Yehowa bɛdom me na abɔfra no anya nkwa?’+ 23 Seesei a wawuo yi, meredi mmuada ayɛ dɛn? Mɛtumi de no aba bio anaa?+ Mɛkɔ ne nkyɛn,+ na ɔno deɛ, ɔrensan mma me nkyɛn.”+
24 Na Dawid kyekyeree ne yere Bat-Seba+ werɛ. Afei ɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔdaeɛ, na ɔwoo ɔbabarima.+ Ɔtoo ne din Solomon,+ na Yehowa dɔɔ no.+ 25 Na ɔsomaa odiyifoɔ Natan+ maa no kɔtoo ne din Yedidia,* Yehowa nti.
26 Na Yoab+ ne Ammonfoɔ a wɔwɔ Raba+ koeɛ, na ɔgyee ahenkuro no. 27 Ɛnna Yoab somaa abɔfoɔ baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ: “Me ne Raba ako,+ na magye nsuo kuro no. 28 Na afei boaboa ɔman no nkaeɛ ano bɛkyere kuro no ho nsraban, na gye, na me mmom mannye kuro no, na wɔamfa me din anto so.”
29 Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano na ɔne Raba kɔkoeɛ na ɔgyeeɛ. 30 Na ɔyii Malkam abotire firii ne ti;+ ná emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ baako, na aboɔden aboɔ nso wom, na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Ɔde kuro no mu asadeɛ+ bebree pa baeɛ. 31 Ɔde emu nnipa nso baeɛ, na ɔmaa wɔde nnadeɛ a ano yɛ nnam ne akuma paee aboɔ,+ na ɔmaa wɔyɛɛ birikisi; saa na ɔyɛɛ Ammonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne dɔm no nyinaa san baa Yerusalem.