2 Samuel
13 Ná Dawid ba Absalom+ wɔ nuabaa hoɔfɛfoɔ bi a wɔfrɛ no Tamar.+ Nsɛm yi akyi no, ɛbaa sɛ na Dawid ba Amnon+ pɛ+ no. 2 Na ɛhyɛɛ Amnon so ara maa ne nuabaa Tamar nti ɔyareeɛ,+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔbaabunu, na ɛyɛ den wɔ Amnon ani so+ sɛ ɔbɛtumi ayɛ no biribi.+ 3 Ná Amnon wɔ adamfoɔ bi a ne din de Yehonadab+ a ɔyɛ Dawid nua Simea+ ba; ná Yehonadab yɛ onitefoɔ paa. 4 Enti ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ba paa, anɔpa biara na woabotoɔ yi? Worenka nkyerɛ me?”+ Ɛnna Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ+ me nua Absalom nuabaa Tamar.”+ 5 Ɛnna Yehonadab kaa sɛ: “Kɔda wo mpa so na patu yare,+ na wo papa bɛba abɛhwɛ wo. Sɛ ɔba a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nuabaa Tamar mmra, na me yareɛ no nti ɔmmɛma me aduane. Ɔmmɛyɛ awerɛkyekyerɛ aduane no m’anim, na menhunu na menni no ne nsam.’”+
6 Ɛnna Amnon kɔdaa hɔ na ɔpatu yareeɛ,+ na ɔhene bɛhwɛɛ no. Afei Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me nuabaa Tamar mmra mmɛyɛ paanoo nkuruwankuruwa mmienu m’anim na me yareɛ no nti, menni no ne nsam.” 7 Ɛnna Dawid soma kɔɔ Tamar hɔ wɔ fie sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ wo nua Amnon fie na kɔyɛ awerɛkyekyerɛ paanoo ma no.” 8 Enti Tamar kɔɔ ne nua Amnon+ fie kɔtoo sɛ ɔda hɔ. Na ɔfaa esiam a wɔafete, na ɔbɔ de yɛɛ paanoo nkuruwankuruwa wɔ n’anim. 9 Ɔwieeɛ no, ɔfaa kyɛnsee no na ɔyiyii no n’anim, nanso Amnon anni, na ɔkaa sɛ: “Momma obiara mfiri me nkyɛn mfiri adi!”+ Na obiara firii ne nkyɛn firii adi.
10 Afei Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Fa awerɛkyekyerɛ paanoo no bra pia mu na me yareɛ no nti menni no wo nsam.” Enti Tamar de paanoo nkuruwankuruwa a wayɛ no kɔmaa ne nua Amnon wɔ pia mu. 11 Berɛ a ɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔrekɔma no aduane no, ɛhɔ ara na ɔyeree+ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nuabaa,+ bra na me ne wo nna.”+ 12 Na ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Dabi me nua! Mmrɛ me ase;+ wɔnyɛ saa wɔ Israel.+ Nyɛ aniwudeɛ saa.+ 13 Na me, ɛhe na anka mede m’ahohora bɛfa? Na wo nso wobɛyɛ sɛ Israel mmarima a wɔnni adwene no bi. Enti mesrɛ wo, wo ne ɔhene nkasa, na ɔremfa me nkame wo.” 14 Nanso wantie no, na ɔde ahoɔden bunkam ne so brɛɛ no ase,+ na ɔne no daeɛ.+ 15 Ɛno akyi no, Amnon de ɔtan kɛseɛ tanee no, na ɔtan a ɔtanee no no yɛɛ kɛse senee ɔdɔ a ɔdɔɔ no no. Enti Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, firi ha kɔ!” 16 Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Dabi me nua; pamo a worepamo me yi yɛ bɔne sene deɛ wode ayɛ me no!” Nanso wantie no.
17 Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔsom no no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, pamo onipa yi firi me so na ɔmfiri adi, na to pono no mu n’akyi.” 18 (Saa berɛ no, na ɔhyɛ atadeɛ nsensanmu+ bi; saa ngugusoɔ no na na ɔhene mma mmaa, mmaabunu no, hyɛ.) Enti ne somfoɔ no de no firii adi, na ɔtoo pono no mu n’akyi. 19 Ɛnna Tamar de nsõ+ guu n’atifi, na ɔsuanee atadeɛ nsensanmu a ɛhyɛ no no mu; afei ɔde ne nsa guu ne ti+ na ɔde sũ siim kɔeɛ.
20 Na ne nua Absalom+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua Amnon+ na wayɛ wo saa yi? Me nuabaa, wo deɛ, yɛ komm. Ɔyɛ wo nua.+ Mfa w’akoma nkɔ asɛm no so.” Na Tamar tenaa ne nua Absalom fie, na wamma nnipa mu. 21 Ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa,+ na ne bo fuu pii.+ 22 Na Absalom anka asɛmmɔne anaa asɛmpa bi ankyerɛ Amnon, na Absalom tanee+ Amnon sɛ wabrɛ ne nuabaa Tamar aseɛ nti.
23 Mfeɛ mmienu akyi no, Absalom maa nkurɔfoɔ kɔtwitwaa ne nnwan ho+ wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim,+ na Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mma no nyinaa.+ 24 Afei Absalom kɔɔ ɔhene anim, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, w’akoa ama nkurɔfoɔ retwitwa ne nnwan ho! Enti mesrɛ wo, ma ɔhene ne ne nkoa mmɛka w’akoa ho nkɔ.” 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Dabi, me ba! Mesrɛ wo, mma yɛn nyinaa nnkɔ na yɛanyɛ adesoa amma wo.” Ɔsrɛɛ no ara,+ nanso wampene ne no ankɔ. Hyira na ɔhyiraa+ no. 26 Ɛnna Absalom kaa sɛ: “Sɛ wontumi nkɔ a, mesrɛ wo, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ.”+ Na ɔhene bisaa no sɛ: “Adɛn nti na wopɛ sɛ ɔne wo korɔ?” 27 Na Absalom srɛɛ+ no, enti ɔmaa Amnon ne ɔhene mma mmarima no nyinaa ne no kɔeɛ.
28 Afei Absalom hyɛɛ n’asomfoɔ no sɛ: “Sɛ mohunu sɛ Amnon anom nsã ama n’ani agye n’akomam+ na meka kyerɛ mo sɛ, ‘Monku Amnon!’ a, saa berɛ no na monku no, monnsuro.+ Ɛnyɛ me na mahyɛ mo saa anaa? Monyɛ den na monnya akokoɔduro.” 29 Na Absalom nkoa no yɛɛ Amnon sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no,+ na ɔhene mma mmarima a wɔaka no nyinaa sɔresɔreeɛ, na obiara tenaa n’afunumupɔnkɔ so dwaneeɛ. 30 Ɛbaa sɛ berɛ a wɔnam kwan so rekorɔ no, nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Absalom akunkum ɔhene mma mmarima no nyinaa na wɔn mu baako mpo anka.” 31 Ɛnna ɔhene sɔreeɛ, na ɔsuanee n’atadeɛ mu+ de ne ho too fam;+ ná ne nkoa nyinaa nso gyinagyina hɔ a wɔasunsuane wɔn ntadeɛ mu.+
32 Nanso Dawid nua Simea+ ba Yehonadab+ kaa sɛ: “Mma me wura nnnwene sɛ ɔhene mma mmeranteɛ no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wawuo,+ ɛfiri sɛ Absalom na ɔhyɛɛ sɛ wɔnku no, na ɔbɔɔ pɔ+ yi firi da a ɔbrɛɛ ne nuabaa+ Tamar aseɛ+ no. 33 Enti mma me wura ɔhene mmfa n’akoma nnkɔ asɛm yi so sɛ, ‘Ɔhene mma mmarima no nyinaa awuwu,’ na Amnon nko ara na wawuo.”
34 Absalom deɛ, na wadwane.+ Akyire yi, aberanteɛ a ɔrewɛn+ no maa n’ani so hwɛeɛ, na ɔnkɔhwɛ a, nnipa bebree na wɔfiri bepɔ so kwan a ɛda n’akyi no so reba yi. 35 Ɛnna Yehonadab+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Hwɛ, ahenemma no reba. Sɛdeɛ w’akoa kaeɛ no, saa ara na ɛteɛ.”+ 36 Na ɛbaa sɛ ɔkasa wieeɛ no, ahenemma no bɛduruiɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suiɛ; ɔhene ne ne nkoa nyinaa nso suu esu kɛseɛ. 37 Absalom deɛ, na wadwane sɛ ɔrekɔ Gesur+ hene Amihud ba Talmai+ nkyɛn. Na Dawid suu+ ne ba no nna no nyinaa. 38 Absalom dwane kɔɔ Gesur,+ na ɔtenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa.
39 Na Dawid kra ani gyinaa sɛ ɔbɛhunu Absalom, ɛfiri sɛ na wakyekyere ne werɛ Amnon wuo no ho.