24 Ná Dawid te kuro apono+ mmienu no ntam. Ná ɔwɛmfoɔ+ no kɔ kuro pono no atifi dan mu, ɔfasuo no so. Akyire yi, ɔmaa n’ani so hwɛeɛ, na hwɛ! ɔbarima bi a ɔno nko ara nam de mmirika reba.
17 Ná ɔwɛmfoɔ+ gyina Yesreel+ aban+ no so, na ɔhunuu sɛ Yehu ne ne dɔm reba ahoɔden so. Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Mehunu nnipadɔm bi sɛ wɔreba ahoɔden so.” Ɛnna Yehoram kaa sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefoɔ ma no nkɔhyia wɔn na ɔmmisa sɛ, ‘Asomdwoeɛ mu anaa?’”+