34 Absalom deɛ, na wadwane.+ Akyire yi, aberanteɛ a ɔrewɛn+ no maa n’ani so hwɛeɛ, na ɔnkɔhwɛ a, nnipa bebree na wɔfiri bepɔ so kwan a ɛda n’akyi no so reba yi.
17 Ná ɔwɛmfoɔ+ gyina Yesreel+ aban+ no so, na ɔhunuu sɛ Yehu ne ne dɔm reba ahoɔden so. Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Mehunu nnipadɔm bi sɛ wɔreba ahoɔden so.” Ɛnna Yehoram kaa sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefoɔ ma no nkɔhyia wɔn na ɔmmisa sɛ, ‘Asomdwoeɛ mu anaa?’”+