Yesaia
21 Ɛpo serɛ* ho atemmusɛm nie:+ Ɛreba te sɛ ahum+ a ɛfiri anafoɔ; ɛfiri serɛ so reba, asase a ɛso yɛ hu so.+ 2 Wɔayi anisoadeɛ bi a ɛyɛ hu+ akyerɛ me: Nkontomponi di nkontomposɛm, na ɔsɛefoɔ sɛe adeɛ.+ Afei Elam, foro kɔ! Media,+ kɔtwa ho hyia! Mama apinisie a ɔde aba nyinaa to atwa.+ 3 Yei ama me dwonku mu tutu me.+ Mete yea sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ.+ Me ho yera me, enti mente asɛm; m’adwene atu afra, enti menhunu hwee. 4 M’akoma bɔ paripari, na ehu ama mebɔ birimbirim. Anwummerɛ hann a m’ani gye ho no adane me ahopopoɔ.+
5 Ma wɔmfa apono nsisi hɔ, wɔnhyehyɛ nkonnwa, wɔnnidi na wɔnnom!+ Mmapɔmma,+ monsɔre, monsra ɛkyɛm no ho ngo.+ 6 Na deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie:
“Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina awɛneeɛ na ɔnka deɛ ɔbɛhunu.”+
7 Na ɔhunuu nteaseɛnam ne apɔnkɔ mmienu mmienu, nteaseɛnam ne mfunumu, nteaseɛnam ne yoma. Na ɔwɛn n’aso na ɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ soɔ no yie. 8 Na ɔteaam dendeenden sɛ gyata+ sɛ: “O Yehowa, megyina ɔwɛn aban so daa awia, na megyina m’awɛneeɛ anadwo nyinaa.+ 9 Na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, ne apɔnkɔ mmienu mmienu reba!”+
Na ɔteaam kaa sɛ: “Wahwe ase! Babilon ahwe ase,+ na wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+
10 O me nkurɔfoɔ a wɔaporo wɔn, m’ayuporobea ba,+ maka deɛ mate afiri asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, nkyɛn akyerɛ mo.
11 Duma ho atemmusɛm nie: Obi firi Seir+ team bisa me sɛ: “Ɔwɛmfoɔ, anadwo yi te sɛn? Ɔwɛmfoɔ, anadwo yi te sɛn?”+ 12 Ɔwɛmfoɔ no buaa sɛ: “Adeɛ bɛkye, na adeɛ bɛsa. Sɛ mobɛbisa a, mommisa. Monsan mmra!”
13 Ɛserɛ so ho atemmusɛm nie: Dedan+ akwantufoɔ, mobɛda serɛ so kwaeɛ mu anadwo. 14 Momfa nsuo mmɛhyia deɛ sukɔm de no. Tema+ asase sofoɔ, momfa aduane mmrɛ deɛ ɔredwane. 15 Nkrantɛ nti wɔadwane, nkrantɛ a wɔatwe nti, agyan a wɔakuntunu mu ne ɛko denden nti.
16 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Akyɛ koraa afe, sɛdeɛ wɔbu ɔpaani mfeɛ no,+ Kedar+ animuonyam nyinaa bɛhye. 17 Na agyantofoɔ kakraa bi, Kedar nnɔmmarima kakraa bi na wɔbɛka,+ ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa no ara na aka.”+