Yesaia
21 Ɛpo serɛ* ho atemmusɛm nie:+
Ɛreba te sɛ ahum a ɛtu wɔ anaafoɔ;
Ɛfiri serɛ so, ɛfiri asaase a ɛso yɛ hu so.+
2 Wɔayi anisoadehunu bi a ɛyɛ hu akyerɛ me:
Nkontomponi redi nkontomposɛm,
Na ɔsɛefoɔ resɛe adeɛ.
O Elam, foro kɔ! O Media,+ kɔtwa ho hyia!
Mɛma apinisie a ɔde aba nyinaa to atwa.+
3 Wei nti me ho tutu me paa.*+
Mete yea
Te sɛ ɔbaa a ɔrewo.
Me ho yera me, enti mente asɛm;
M’adwene atu afra, enti menhunu hwee.
4 M’akoma bɔ paripari; ehu ama mebɔ birimbirim.
Anwummerɛ hann a m’ani gye ho no adane me ahopopoɔ.
5 Momfa apono nsisi hɔ na monhyehyɛ nkonnwa!
Monnidi na monnom!+
Adehyeɛ, monsɔre, monsra* ɛkyɛm no!
6 Na deɛ Yehowa ka kyerɛɛ me nie:
“Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina baabi ma ɔnwɛn na ɔnka deɛ ɔbɛhunu.”
7 Na ɔhuu ɛko teaseɛnam a apɔnkɔ mmienu retwe,
Ɛko teaseɛnam a mfunumu retwe,
Ɛko teaseɛnam a yoma retwe.
Ɔgyenee n’ani, na ɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ so no dinn.
8 Na ɔteaam te sɛ gyata sɛ:
9 Hwɛ deɛ ɛreba:
Nnipa a wɔtete ɛko teaseɛnam mu a apɔnkɔ mmienu retwe!”+
Ɛnna ɔteaam kaa sɛ:
“Wahwe ase! Babilon ahwe ase!+
Wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+
10 O me nkurɔfoɔ a wɔaporo wɔn sɛ hwiit,
Deɛ menya firii m’ayuporobea,*+
Deɛ mate afiri asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, nkyɛn no, maka akyerɛ mo.
Obi firi Seir+ reteam bisa me sɛ:
“Ɔwɛmfoɔ, da bɛn na adeɛ bɛkye?
Ɔwɛmfoɔ, da bɛn na adeɛ bɛkye?”
12 Ɔwɛmfoɔ no buaa sɛ:
“Adeɛ rebɛkye, na adeɛ nso bɛsa.
Sɛ mobɛbisa a, mommisa.
Monsan mmra!”
13 Asaase pradadaa ho atemmusɛm nie:
15 Ɛfiri sɛ wɔadwane afiri sekan anim, sekan a wɔatwe anim,
Wɔadwane afiri agyan a wɔakuntunu mu ne ɛko denden anim.
16 Na deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Akyɛ koraa ne afe, te sɛ ɔpaani mfeɛ,* Kedar+ animuonyam nyinaa bɛsa. 17 Na Kedar akatakyie mu agyantofoɔ kakraa bi na wɔbɛka, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa na aka.”