Yesaia
22 Anisoadehunu Bɔn*+ ho atemmusɛm nie:
Deɛn na ayɛ wo a wo nkurɔfoɔ nyinaa aforo kɔ ɛdan atifi yi?
2 Wo a na dede ayɛ wo ma,
Kuro a na wo mu ayɛ bagyabagya, ahurisie kuro.
Ɛnyɛ sekan ano na wo nkurɔfoɔ totɔeɛ,
Na ɛnyɛ ɛko mu na wɔwuwuiɛ.+
3 W’atumfoɔ atirimuɔdenfoɔ nyinaa abom adwane.+
Ɛnyɛ agyan na wɔde kyee wɔn sɛ nneduafoɔ.
Wɔn a wɔhuu wɔn nyinaa, wɔkyee wɔn sɛ nneduafoɔ,+
Ɛwom sɛ na wɔadwane kɔ akyirikyiri.
5 Ɛfiri sɛ ɛyɛ basabasayɛ, nkoguo, ne ahopopoɔ da+ a
Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, de bɛba
Anisoadehunu Bɔn no mu.
Wɔbubu fasuo no,+
Na nnipa su ma ɛduru bepɔ so.
Ɔde nteaseɛnam a nnipa tete mu ne apɔnkɔ* reba,
7 Na w’asaasetraa* a ɛyɛ paa no,
Ɛko nteaseɛnam bɛhyɛ hɔ ma,
Na apɔnkɔ* bɛba abɛgyinagyina kuro no pono ano,
“Saa da no, wode w’ani bɛkyerɛ akodeɛ korabea a ɛwɔ Kwaeɛfie+ no, 9 na mobɛhunu sɛ Dawid Kuro no afasuo apaapae pii.+ Na mobɛsesa tadeɛ a ɛwɔ aseɛ no mu nsuo.+ 10 Mobɛkan adan a ɛwɔ Yerusalem. Na mobɛbubu adan no de ahyɛ fasuo no den. 11 Na mobɛyɛ ahina asi afasuo mmienu no ntam de akora tadeɛ dada no mu nsuo so. Nanso ne Yɛfoɔ Kɛseɛ no deɛ, morenhwehwɛ no, na Onii a ɔyɛɛ no tete no deɛ, morenhu no.
12 Saa da no, Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa,
Bɛfrɛ nnipa ama wɔasu na wɔadi awerɛhoɔ,+
Na wɔabɔ tikwa afira awerɛhoɔ ntoma.*
13 Nanso deɛ monim ara ne sɛ mobɛdi ahurisie agye mo ani,
Akunkum anantwie atwitwa nnwan mene,
Na moka sɛ, ‘Momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’”+
14 Ɛnna asafo Yehowa yii me asotire sɛ: “‘Wɔrempata bɔne yi mma mo kɔsi sɛ mobɛwuo,’+ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, na aka.”
15 Deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie: “Kɔ efiehwɛfoɔ yi, Sebna,+ a efie* no hyɛ ne nsa no nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ, 16 ‘Deɛn na worepɛ no wɔ ha, na wo ho nipa bɛn na ɔwɔ ha a woatwa ɛboda wɔ ha ama wo ho yi?’ Ɔretwa ne boda wɔ beaeɛ a ɛkorɔn; ɔreyɛ ne homebea* wɔ ɔbotan mu. 17 ‘Ɔbarima, hwɛ! Yehowa bɛto wo ahwe fam birim; ɔbɛyere wo dendeenden. 18 Ɔbɛmoa wo dendeenden ato wo atwene asaase tɛtrɛɛ so sɛ bɔɔl. Wobɛwu wɔ hɔ, na ɛhɔ na wo nteaseɛnam a ɛyɛ fɛ bɛka; ɛbɛyɛ animguaseɛ ama wo wura fie. 19 Mɛtu wo adeɛ so, na magye wo diberɛ afiri wo nsam.
20 “‘Saa da no, mɛfrɛ m’akoa Eliakim,+ Hilkia ba no. 21 Mede w’ataade tenten no bɛhyɛ no, na mede w’abɔsoɔ abɔ ne mu dendeenden.+ Afei mede wo tumidie* bɛhyɛ ne nsa, na wayɛ Yerusalemfoɔ ne Yuda fie agya. 22 Mede Dawid fie safoa+ bɛto n’abati. Sɛ ɔbue a, obiara rentom, na sɛ ɔtom a, obiara remmue. 23 Na mɛbɔ ne so sɛ dua a wɔasene ano,* na mede no atim baabi a obiara rentumi ntu, na ɔbɛyɛ sɛ animuonyam adwa ama ne papa fie. 24 Na wɔde ne papa fie animuonyam* nyinaa bɛma no,* n’asefoɔ ne ne mma,* anwenneɛ nketewa nyinaa, nyowa, ne nhina akɛseɛ nyinaa.
25 “Asafo Yehowa aka sɛ: ‘Saa da no, dua a wɔasene ano a wɔde atim baabi a obiara rentumi ntu no, wɔbɛtu,+ na wɔatwa ato fam, na adesoa a ɛsɛn so no bɛfiri so ahwe fam asɛe, ɛfiri sɛ Yehowa ankasa na aka.’”