37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaadeɛ mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.
2 Afei ɔsomaa Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ no kɔɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,+ na na wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma.