-
2 Ahemfo 25:4, 5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Wɔbuu kuro no fasuo guu mu,+ na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia. 5 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa ɔhene no, na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ.
-