41 Na Farao san ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, mereyɛ wo Egypt asaase nyinaa so panin.”+42 Afei Farao yii ahyɛnsodeɛ kawa firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔde ataadeɛ a wɔde nwera pa ayɛ hyɛɛ no, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ too ne kɔn mu.
15 Afei Mordekai firii ɔhene no anim kɔe, na na ɔhyɛ ahentaadeɛ bruu ne fitaa. Ná sika kɔkɔɔ ahenkyɛ fɛfɛɛfɛ hyɛ no, na na ɔsan hyɛ ataadeɛ ngugusoɔ papa a wɔde ntoma afasebire ayɛ.+ Na Susan* kuro no mufoɔ dii ahurisie.