Yesaia
22 Anisoadehunu bɔn ho atemmusɛm nie:+ Ɛdeɛn na ayɛ woɔ a wo nkurɔfoɔ nyinaa aforo kɔ ɛdan atifi yi?+ 2 Kuro a dede ayɛ mu mã, ahurisie kuro,+ wo mu ayɛ bagyabagya. Ɛnyɛ nkrantɛ ano na wo nkurɔfoɔ totɔeɛ, na ɛnyɛ akono na wɔwuwuiɛ.+ 3 W’atumfoɔ+ nyinaa adwane prɛko.+ Ɛnyɛ agyan na wɔde kyee wɔn. Wɔakye wo nkurɔfoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa sɛ nneduafoɔ,+ wɔn a wɔdwane kɔɔ akyirikyiri no nyinaa.
4 Ɛno nti na maka sɛ: “Monyi mo ani mfiri me so na mensu yayaaya.+ Monnha mo ho sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa sɛeɛ no nti.+ 5 Ɛyɛ basabasayɛ,+ ntiatiasoɔ,+ ne ahoyera+ da a Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, de bɛba anisoadehunu bɔn no mu. Ɔsɛefoɔ bubu ɔfasuo no,+ na nnipa sũ ma no duru bepɔ so.+ 6 Elam+ asɔ agyan kotokuo mu wɔ ɔdasani teaseɛnam mu, na apɔnkɔ retwe. Na Kir+ nso ayi ne kyɛm ho. 7 Na asasetamaa a ɛyɛ wo fɛ no, nteaseɛnam bɛhyɛ hɔ mã, na wo kuro pono ano nso, apɔnkɔ bɛba abɛgyinagyina hɔ. 8 Wɔbɛyi Yuda ho nkataho. Na da no wode w’ani bɛkyerɛ akodeɛ korabea+ a ɛwɔ kwaeɛ fie no,+ 9 na mobɛhunu sɛ Dawid Kuro no ho apaepae pii.+ Na mobɛsesa tadeɛ a ɛwɔ aseɛ no mu nsuo.+ 10 Mobɛkan adan a ɛwɔ Yerusalem. Na mobɛbubu adan no de ahyɛ fasuo no den.+ 11 Na mobɛyɛ adeɛ asi afasuo mmienu no ntam de akora tadeɛ dada+ no mu nsuo so. Nanso ne Yɛfoɔ Kɛseɛ no deɛ, morenhwɛ no; deɛ tete ɔyɛeɛ no deɛ, morenhu no.
12 “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ama wɔasũ+ adi awerɛhoɔ, na wɔabɔ tikwa afira atweaatam.+ 13 Nanso deɛ monim ara ne sɛ mobɛdi ahurisie agye mo ani, akum anantwie atwa nnwan mene, awe nam anom nsã.+ Na moka sɛ, ‘Momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’”+
14 Na asafo Yehowa ayi me asotire+ sɛ: “‘Wɔrempata+ bɔne yi mma mo, kɔsi sɛ mobɛwuo,’+ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, na aka.”
15 Deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie: “Kɔ Sebna+ a ɔyɛ fie no sohwɛfoɔ+ nkyɛn sɛ, 16 ‘Ɛdeɛn na worepɛ no ha, na hwan na worehwehwɛ no wɔ ha a woatwa ɔboda+ ama wo ho yi?’ Ɔretwa ɔboda wɔ bea a ɛkorɔn; ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu. 17 ‘Ɔbarima katakyie, hwɛ, Yehowa rebɛma wo so ato wo atwene; ɔbɛsɔ wo mu dendeenden. 18 Ɔbɛmoa wo dendeenden ato wo atwene asase tɛtrɛɛ so sɛ bɔɔl. Na wobɛwu wɔ hɔ, na w’animuonyam nteaseɛnam adane animguaseɛ wɔ wo wura fie. 19 Mɛpia wo afiri wo gyinabea, na obi bɛyi wo afiri wo dibea so.+
20 “‘Saa da no mɛfrɛ m’akoa+ Eliakim,+ Hilkia+ ba no. 21 Mede w’atade tenten no bɛhyɛ no de w’abɔsoɔ abɔ ne mu.+ Afei mede w’ahemman bɛhyɛ ne nsa na wayɛ Yerusalemfoɔ ne Yuda fie agya.+ 22 Mede Dawid fie safoa+ bɛto ne mmatiri so, na sɛ ɔbue a, obiara nni hɔ a ɔbɛtom; na sɛ ɔtom a, obiara nni hɔ a ɔbɛbue.+ 23 Na mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa+ atim baabi a ɛhɔ yɛ den, na ɔbɛyɛ sɛ animuonyam adwa ama ne papa fie.+ 24 Na wɔde ne papa fie animuonyam nyinaa bɛsɛn ne so, n’asefoɔ ne ne mmanana, anwenneɛ nketewa nyinaa, ɛfiri nyowa so kɔsi nhina nyinaa so.
25 “‘Asafo Yehowa aka sɛ: “Saa da no pɛɛwa+ a ɛtim baabi a ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn+ atu atɔ fam, na wɔbɛtwa adesoa a ɛsɛn soɔ no afiri so. Yehowa no ara anom asɛm nie.”’”+