Yesaia 22:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Nanso deɛ monim ara ne sɛ mobɛdi ahurisie agye mo ani, akum anantwie atwa nnwan mene, awe nam anom nsã.+ Na moka sɛ, ‘Momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’”+ Daniel 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔhene Belsasar+ too ponkɛseɛ maa n’aberempɔn apem, na ɔnom nsã wɔ apem no anim.+
13 Nanso deɛ monim ara ne sɛ mobɛdi ahurisie agye mo ani, akum anantwie atwa nnwan mene, awe nam anom nsã.+ Na moka sɛ, ‘Momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’”+