Daniel
5 Ɔhene Belsasar+ too ponkɛseɛ maa n’aberempɔn apem, na ɔnom nsã wɔ apem no anim.+ 2 Berɛ a nsã+ no boroo Belsasar no, ɔkaa sɛ wɔmfa sika ne dwetɛ anwenneɛ+ a ne papa* Nebukadnesar kɔfa firii Yerusalem asɔrefie hɔ baeɛ no mmra mma ɔhene ne n’aberempɔn ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu.+ 3 Ɛnna wɔde sika anwenneɛ a wɔkɔfa firii Onyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne yerenom ne ne mpenafoɔ no nom mu. 4 Wɔnonom nsã, na wɔkamfoo sika ne dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame no.+
5 Dɔn no mu ara na onipa nsateaa ba bɛtwerɛɛ ahemfie no fasuo no ho,+ kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛretwerɛ no akyi. 6 Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na ne tirim nsusuiɛ maa no bɔɔ hu,+ na n’asene mu hodwoeɛ,+ na ne nkotodwe keka boom.+
7 Ɔhene teaam dendeenden sɛ wɔnkɔfa nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ ne nsoromma mu ahwɛfoɔ no mmra.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ Babilon anyansafoɔ no sɛ: “Obiara a ɔbɛkan ntwerɛdeɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tankɔkɔɔ+ de sika kɔnmuadeɛ agu ne kɔn mu, na ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi tumi wɔ ahennie yi mu.”+
8 Ɛnna ɔhene anyansafoɔ no nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankan ntwerɛdeɛ no, na wɔantumi ankyerɛ ɔhene aseɛ.+ 9 Enti Ɔhene Belsasar bɔɔ hu kɛse, na n’anim sakraeɛ, na n’aberempɔn no ho yeraa wɔn.+
10 Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti ɔhemmaa no baa apontoɔ dan no mu. Na ɔhemmaa kaa sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa!+ Mma wo tirim nsusuiɛ mmmɔ wo hu, na mma w’anim nnsakra. 11 Ɔbarima mmɔdemmɔfoɔ bi wɔ w’ahennie mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom,+ na wo papa berɛ soɔ no, wɔhunuu no sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu ne nyansa sɛ anyame nyansa, na wo papa, ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ ne nsoromma mu ahwɛfoɔ so panin,+ O ɔhene, wo papa ankasa. 12 Wɔhunuu honhom a ɛkyɛn soɔ ne nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛ daeɛ+ ne aborɔme ase na wɔde sane apɔ wɔ Daniel a ɔhene too ne din Beltesasar+ no mu.+ Enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel mmra na ɔmmɛkyerɛ aseɛ.”
13 Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Na ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Wone Daniel a wofiri Yuda atukɔfoɔ+ a me papa ɔhene de wɔn firi Yuda baeɛ no mu no?+ 14 Mate wo nka nso sɛ wowɔ anyame no honhom,+ na wɔahunu sɛ wowɔ nimdeɛ ne nhunumu, na wowɔ nyansa+ a ɛkyɛn soɔ. 15 Na afei wɔde anyansafoɔ ne nkonyaayifoɔ no baa m’anim sɛ wɔmmɛkenkan ntwerɛdeɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.+ 16 Mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase+ na wosane apɔ. Enti sɛ wotumi kenkan ntwerɛdeɛ yi na wokyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo tankɔkɔɔ de sika kɔnmuadeɛ agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi tumi wɔ ahennie yi mu.”+
17 Ɛnna Daniel kaa no ɔhene anim sɛ: “Ma w’ayɛyɛdeɛ ntena hɔ, na fa w’akyɛdeɛ ma nnipa foforɔ.+ Nanso mɛkenkan ntwerɛdeɛ no akyerɛ ɔhene, na mama woahunu ne nkyerɛaseɛ.+ 18 Wo, ɔhene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn+ no de ahennie ne kɛseyɛ ne anidie ne animuonyam+ maa wo papa Nebukadnesar.+ 19 Tumi a ɔde maa no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ nyinaa ho popoeɛ, na wɔsuroo n’anim.+ Deɛ ɔpɛ no, ɔkuu no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; deɛ ɔpɛ no, ɔmaa ne so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.+ 20 Nanso berɛ a n’akoma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den maa no yɛɛ ahantan no,+ wɔtuu no firii n’ahennwa so, na wɔgyee n’animuonyam firii ne nsam.+ 21 Wɔpamoo no firii adasamma mu, na wɔmaa n’akoma yɛɛ sɛ aboa deɛ, na ɔne serɛ so mfunumu tenaeɛ.+ Wɔmaa no wee wura sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam,+ kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na ɔdi adasamma ahennie so tumi, na obiara a ɔpɛ no, ɔde no si so.+
22 “Na wo, ne ba* Belsasar,+ wonim yei nyinaa,+ nanso woammrɛ w’akoma ase.+ 23 Ɔsoro Wura no na woama wo ho so atia no,+ na wɔde ne fie anwenneɛ aba w’anim,+ na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame+ a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnim hwee no,+ na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam+ a w’akwan nyinaa wɔ no no deɛ,+ woanni no ni.+ 24 Enti ɔno na ɔsomaa nsa bi bɛtwerɛɛ ntwerɛdeɛ yi.+ 25 Na nsɛm a ɛtwerɛeɛ no nie: MENE, MENE, TEKEL ne PARSIN.
26 “Asɛm no nkyerɛaseɛ nie: MENE, Onyankopɔn akan w’ahennie nna, na ɔde aba awieeɛ.+
27 “TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahunu sɛ wotɔ sini.+
28 “PERES, wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”+
29 Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel tankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔnmuadeɛ guu ne kɔn mu, na wɔbɔ gyee ne so sɛ ɔno na ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi tumi wɔ ahennie no mu.+
30 Saa anadwo no ara, wɔkum Kaldeafoɔ hene Belsasar,+ 31 na wɔde ahennie no maa Mediani Dario+ a saa berɛ no na wadi bɛyɛ mfeɛ aduosia mmienu no.