48 Enti ɔhene yɛɛ Daniel onipa kɛseɛ,+ na ɔmaa no akyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babilon mantam no nyinaa so tumi,+ na ɔyɛɛ no Babilon anyansafoɔ nyinaa so panin.
9 “‘Akɔmfoɔ panin+ Beltesasar, menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu,+ na ahuntasɛm biara nni hɔ a ɛkyere wo soɔ,+ enti ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.+