Daniel
2 Na Nebukadnesar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Nebukadnesar sosoo adaeɛ+ bi, na ne ho yeraa no,+ na ne nna tu yeraeɛ. 2 Enti ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ akɔmfoɔ+ ne nkonyaayifoɔ ne asumanfoɔ ne Kaldeafoɔ no mmra na wɔmmɛka ɔhene adaeɛ no nkyerɛ no.+ Na wɔba bɛgyinagyinaa ɔhene anim. 3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Maso daeɛ bi ama me ho yera me, na mepɛ sɛ mehunu daeɛ no.” 4 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene wɔ Aram kasa+ mu sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa.+ Ka daeɛ no kyerɛ wo nkoa, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”+
5 Na ɔhene ka kyerɛɛ Kaldeafoɔ no sɛ: “Merehyɛ mmara sɛ: Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me na moankyerɛ aseɛ a, wɔbɛtwitwa mo mu asinasini+ na wɔadane mo afie agyananbea.+ 6 Na sɛ moka daeɛ no na mokyerɛ aseɛ a, mobɛnya me hɔ akyɛdeɛ ne ayɛyɛdeɛ ne anidie kɛseɛ.+ Enti monka daeɛ no nkyerɛ me na monkyerɛ aseɛ.”
7 Ɛnna wɔkaa no ne mprenu soɔ sɛ: “Ma ɔhene nka daeɛ no nkyerɛ ne nkoa ɛ, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”
8 Na ɔhene kaa sɛ: “Menim ampa sɛ berɛ ara na morepɛ, ɛfiri sɛ moahunu sɛ merehyɛ mmara. 9 Sɛ moanka daeɛ no ankyerɛ me a, asɛm baako pɛ yi+ na ɛda hɔ ma mo. Menim sɛ moasusu atosɛm ne nnaadaasɛm sɛ morebɛka no m’anim+ de akɔsi sɛ berɛ no bɛsẽsa. Enti monka daeɛ no nkyerɛ me mma menhunu sɛ mobɛtumi akyerɛ aseɛ.”
10 Ɛnna Kaldeafoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Onipa bi nni asase so a ɔbɛtumi aka asɛm yi akyerɛ ɔhene, na ɔhenkɛseɛ anaa amrado biara mmisaa ɔkɔmfoɔ anaa nkonyaayifoɔ anaa Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sei da. 11 Asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ asɛm yi wɔ ɔhene anim, gye anyame+ a wɔn tenabea nni nnipa mu no.”+
12 Ɛno nti ɔhene bo fuiɛ, na n’ani beree kɛse,+ na ɔkaa sɛ wɔnsɛe Babilon anyansafoɔ nyinaa.+ 13 Na wɔhyɛɛ mmara no, enti wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔkunkum anyansafoɔ no, na wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne mfɛfoɔ no sɛ wɔbɛkum wɔn nso.
14 Saa berɛ no, Daniel de nhunumu ne nyansa+ ne ɔhene awɛmfoɔ so panin Ariok a ɔfirii adi sɛ ɔrekɔkunkum Babilon anyansafoɔ no kasaeɛ. 15 Ɔbisaa ɔhene awɛmfoɔ so panin Ariok sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ahyɛ mmara denden sei?” Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel.+ 16 Na Daniel kɔ kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no berɛ na ɔmmɛkyerɛ aseɛ nkyerɛ ɔhene.+
17 Ɛno akyi no, Daniel kɔɔ ne fie, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Hanania, Misael ne Asaria, 18 na ɔkaa sɛ wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn+ hɔ mmɔborɔhunu,+ ahuntasɛm yi ho,+ na wɔansɛe Daniel ne ne mfɛfoɔ no anka Babilon anyansafoɔ a aka no ho.+
19 Ɛnna wɔyii ahuntasɛm no adi kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehunu mu.+ Enti Daniel hyiraa+ ɔsoro Nyankopɔn no. 20 Na Daniel kaa sɛ: “Nhyira nka Onyankopɔn din+ daa daa, ɛfiri sɛ ɔno na nyansa ne tumi wɔ no.+ 21 Ɔno na ɔsakra berɛ ne nna,+ na ɔtu ahemfo si ahemfo,+ na ɔma anyansafoɔ nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhunumu nso nimdeɛ.+ 22 Ɔno na ɔyi deɛ emu dɔ ne ahuntasɛm adie.+ Ɔno na ɔnim deɛ ɛwɔ sum mu;+ ɔno na hann+ ne no teɛ. 23 O m’agyanom Nyankopɔn, wo na meyi wo ayɛ kamfo woɔ,+ ɛfiri sɛ woama me nyansa+ ne tumi. Na afei woayi deɛ yɛsrɛɛ woɔ no adi akyerɛ me, na ɔhene asɛm no, woama yɛahunu.”+
24 Ɛno nti Daniel kɔɔ Ariok+ a ɔhene ayi no sɛ ɔnsɛe Babilon anyansafoɔ no nkyɛn. Ɔkɔeɛ no, asɛm a ɔka kyerɛɛ no ne sɛ: “Babilon anyansafoɔ no,+ nsɛe obiara. Fa me kɔ ɔhene anim,+ na menkɔkyerɛ ɔhene daeɛ no ase.”
25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na deɛ ɔka kyerɛɛ no nie: “Mahunu Yuda atukɔfoɔ+ no mu ɔbarima bi a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene daeɛ no ase.” 26 Na ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar+ no sɛ: “Wogye di sɛ wobɛtumi aka daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ akyerɛ me?”+ 27 Daniel buaa wɔ ɔhene anim sɛ: “Ahuntasɛm a ɔhene abisa no, anyansafoɔ, nkonyaayifoɔ, akɔmfoɔ, ne nsoromma mu ahwɛfoɔ rentumi nyi no adi nkyerɛ ɔhene.+ 28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahuntasɛm adie,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahunu deɛ ɛbɛba nna a ɛdi akyire no mu.+ Wo daeɛ ne anisoadehunu a wonyaa no wo mpa soɔ no nie:
29 “Wo, ɔhene, wosusuu deɛ daakye ɛbɛba no ho wɔ wo mpa so,+ na Deɛ ɔyi ahuntasɛm adie no ama woahunu deɛ ɛbɛba.+ 30 Na me deɛ, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sene ateasefoɔ nyinaa nti na wɔayi ahuntasɛm yi akyerɛ me,+ na mmom deɛ ɛbɛyɛ na ɔhene ahunu nkyerɛaseɛ no, na woahunu w’akoma mu nsusuiɛ ntira.+
31 “Wo, ɔhene, wohwɛeɛ, na hwɛ! ohoni kɛseɛ bi nie. Ná ohoni no sõ, na ɛhyerɛn hyɛnn; ná ɛgyina w’anim, na ɛyɛ hu. 32 Ohoni no, ne tiri yɛ sika pa,+ ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ,+ ne yafunu ne n’asrɛ yɛ kɔbere,+ 33 ne nan yɛ dadeɛ,+ ne nan ase fã bi yɛ dadeɛ, na ɛfã bi nso yɛ dɔteɛ.+ 34 Wohwɛeɛ ara kɔsii sɛ ɛboɔ bi a nsa biara nkura mu+ te bɛbɔɔ ohoni no nan ase a ɛyɛ dadeɛ ne dɔteɛ no, na ɛbubuu no.+ 35 Saa berɛ no, dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ ne sika no nyinaa bubuiɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuro berɛ mu ayuporobea so ntɛtɛ,+ na mframa sesa kɔeɛ, na wɔanhunu ɛho biribiara bio.+ Ɛboɔ a ɛbɔɔ ohoni no danee bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.+
36 “Daeɛ no nie, na yɛbɛka ne nkyerɛaseɛ akyerɛ ɔhene.+ 37 Wo, ɔhene, woyɛ ahemfo mu hene, na wo na ɔsoro Nyankopɔn de ahennie+ ne tumi ne ahoɔden ne animuonyam ama woɔ, 38 na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa,+ na ɔde wo asi wɔn nyinaa so. Wone sika tiri no.+
39 “W’akyi no, ahennie foforɔ bɛsɔre+ a ɛnnuru wo deɛ no,+ na ahennie foforɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛyɛ kɔbere a ɛbɛdi asase nyinaa soɔ bɛsɔre.+
40 “Na ahennie a ɛtɔ so nnan no+ deɛ, ɛbɛyɛ den sɛ dadeɛ.+ Na sɛdeɛ dadeɛ bubu na ɛyam adeɛ nyinaa no, saa ara na ɛbɛbubu na ayam yeinom nyinaa sɛdeɛ dadeɛ yam adeɛ no.+
41 “Na sɛdeɛ wohunuu nan ase ne nansoaa no sɛ ɛfã bi yɛ ɔnwemfoɔ dɔteɛ na ɛfã bi nso yɛ dadeɛ no,+ saa ara na ahennie no mu bɛpaepae,+ nanso sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ frafra dadeɛ no mu no,+ dadeɛ denyɛ bɛda adi wom. 42 Na nansoaa a ne fã bi yɛ dadeɛ na ne fã bi nso yɛ dɔteɛ no, ahennie no fã bi bɛyɛ den na ɛfã bi nso ayɛ mmerɛ. 43 Na sɛdeɛ wohunuu sɛ dɔteɛ ne dadeɛ adi afra no, ɛne nnipa mma bɛdi afra, nanso ɛremfemfam ho, sɛdeɛ dadeɛ ne dɔteɛ ntumi mfra no.
44 “Na ahemfo no nna no mu no,+ ɔsoro Nyankopɔn+ bɛma ahennie bi so.+ Wɔrensɛe no da,+ na wɔrennya ahennie no mma ɔman foforɔ biara.+ Ɛbɛbubu ahennie hodoɔ no nyinaa ama no asã,+ na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa;+ 45 sɛdeɛ wohunuu sɛ ɛboɔ a nsa biara nkura mu+ te firii bepɔ ho, na ɛbɛbubuu dadeɛ, kɔbere, dɔteɛ, dwetɛ ne sika no,+ saa ara na ɛbɛyɛ. Onyankopɔn Kɛseɛ+ no na wakyerɛ ɔhene deɛ ɛbɛba daakye.+ Daeɛ no wom, na ne nkyerɛaseɛ nso yɛ nokorɛ.”+
46 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuu fam, na ɔde anidie maa Daniel, na ɔkaa sɛ wɔmma no akyɛdeɛ na wɔnhye aduhwam mma no.+ 47 Na Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame+ ne ahemfo Wura+ ne Deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, ɛfiri sɛ woatumi ayi ahuntasɛm yi adi.”+ 48 Enti ɔhene yɛɛ Daniel onipa kɛseɛ,+ na ɔmaa no akyɛdeɛ akɛseɛ bebree, na ɔmaa no dii Babilon mantam no nyinaa so tumi,+ na ɔyɛɛ no Babilon anyansafoɔ nyinaa so panin. 49 Daniel nso srɛɛ ɔhene maa no de Sadrak, Mesak ne Abednego+ sisii Babilon mantam no so sɛ ahwɛfoɔ, na Daniel deɛ, ɔtenaa ahemfie.+