Dwom 2:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wode dadeɛ poma+ bɛbubu wɔn,Wobɛbubu wɔn asinasini+ sɛ ɔnwemfoɔ anwenneɛ.” Dwom 110:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Yehowa bɛgyina wo nsa nifa so+Abubu ahemfo pasaa n’abufuo da no.+ Yesaia 60:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɔman anaa ahennie biara a ɛrensom woɔ no bɛbɔ; na aman no bɛsɛe koraa.+ Daniel 11:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔ kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abɛduru n’awieeɛ,+ na ɔrennya ɔboafoɔ biara.+ Adiyisɛm 19:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na nkrantɛ tenten nnamnam bi firi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ+ nsã-kyi-amena+ no so.
45 Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔ kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abɛduru n’awieeɛ,+ na ɔrennya ɔboafoɔ biara.+
15 Na nkrantɛ tenten nnamnam bi firi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ+ nsã-kyi-amena+ no so.