Dwom 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Monyɛ ɔba no atuu*+ na Onyankopɔn bo amfu,Na moanyera wɔ kwan mu,+Ɛfiri sɛ n’abufuo dɛre ntɛm.+Anigyeɛ ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.+ Yesaia 41:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu wo nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase.+ Nnipa a wɔne wo ham no bɛtwam akɔ na wɔn ase atɔre.+ Daniel 2:44 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 44 “Na ahemfo no nna no mu no,+ ɔsoro Nyankopɔn+ bɛma ahennie bi so.+ Wɔrensɛe no da,+ na wɔrennya ahennie no mma ɔman foforɔ biara.+ Ɛbɛbubu ahennie hodoɔ no nyinaa ama no asã,+ na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa;+ Luka 19:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Bio nso, momfa m’atamfo yi a wɔampɛ sɛ medi wɔn so hene no mmra ha na mommɛkunkum wɔn m’anim.’”+ Adiyisɛm 2:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 na ɔde dadeɛ poma+ bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasini te sɛ anwenneɛ,+ sɛdeɛ me nso menyaa no m’Agya hɔ no,
12 Monyɛ ɔba no atuu*+ na Onyankopɔn bo amfu,Na moanyera wɔ kwan mu,+Ɛfiri sɛ n’abufuo dɛre ntɛm.+Anigyeɛ ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.+
11 “Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu wo nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase.+ Nnipa a wɔne wo ham no bɛtwam akɔ na wɔn ase atɔre.+
44 “Na ahemfo no nna no mu no,+ ɔsoro Nyankopɔn+ bɛma ahennie bi so.+ Wɔrensɛe no da,+ na wɔrennya ahennie no mma ɔman foforɔ biara.+ Ɛbɛbubu ahennie hodoɔ no nyinaa ama no asã,+ na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa;+
27 na ɔde dadeɛ poma+ bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasini te sɛ anwenneɛ,+ sɛdeɛ me nso menyaa no m’Agya hɔ no,