7 N’ahennie+ mu bɛtrɛ na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ+ bɛba Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so, na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+ bɛwowa+ n’ahennie ama no atim firi sɛsɛɛ akɔsi daa. Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+
25 Na wɔbɛtena asase a mede maa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ+ no so; wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena so daa,+ na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn berempɔn daa.+
14 Ɔno na wɔde tumi+ ne animuonyam+ ne ahennie+ maa no sɛ aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ wɔrensɛe no da.+
7 Wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan soɔ no, mɛkora wɔn so sɛ nkaefoɔ,+ na wɔn a wɔapamo wɔn kɔ akyirikyiri no mɛyɛ wɔn ɔman kɛseɛ.+ Na Yehowa bɛdi wɔn so hene wɔ Bepɔ Sion so firi nnɛ akɔsi daa.+
15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+