Daniel
7 Babilon hene Belsasar+ afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ, na ɔnyaa anisoadehunu wɔ ne mpa so.+ Saa berɛ no, ɔtwerɛɛ daeɛ no too hɔ.+ Ɔkaa asɛm no nyinaa. 2 Daniel kaa sɛ:
“Mehunuu m’anisoadehunu mu anadwo, na hwɛ! ɔsoro mframa+ nnan no bɛhwanyan ɛpo kɛseɛ no.+ 3 Na mmoa akɛseɛ nnan+ pue firii ɛpo+ no mu baeɛ; ɛsono oyi, na ɛsono oyi.+
4 “Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na ɔwɔ ɔkɔdeɛ+ ntaban. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam,+ na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.+
5 “Na hwɛ! aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu a ɔte sɛ sisire nie.+ Ɔgyina hɔ tɔ kɔ ɛfã baako,+ na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anom wɔ ne sẽ ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre di nam bebree.’+
6 “Yei akyi no, mehwɛeɛ ara, na hwɛ! aboa foforɔ nie. Ɔte sɛ sebɔ,+ na ɔwɔ anomaa ntaban nnan wɔ n’akyi. Aboa no wɔ tire nnan,+ na wɔmaa no tumi.
7 “Yei akyi no, mehwɛeɛ ara anadwo anisoadehunu no mu, na hwɛ! aboa a ɔtɔ so nnan nie. Ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔwɔ ahoɔden boro so.+ Ɔwɔ dadeɛ sẽ akɛseɛ. Ɔmemene bubu nneɛma mu, na nkaeɛ no, ɔde ne nan tiatia so. Ɛsono ɔno na ɛsono mmoa a wɔdii n’anim no nyinaa koraa, na ɔwɔ mmɛn du.+ 8 Meredwendwene mmɛn no ho no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ puee ɛnonom ntam,+ na kane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu wɔ n’anim. Na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ+ wɔ abɛn no ho.
9 “Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔsisii adwa,+ na Deɛ ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne tiri nwi te sɛ odwanten nwi fitafita.+ N’adwa yɛ gyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ egya a ɛrefram.+ 10 Egya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim ba.+ Mpempem som no,+ na mpem du ahodoɔ mpem du gyinagyina n’anim.+ Wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn,+ na wɔbuebuee nwoma mu.
11 “Saa berɛ no, nsɛnkɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti,+ mehwɛeɛ ara. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkum aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa egya a ɛrefram no.+ 12 Na mmoa a aka no nso,+ wɔgyee wɔn tumi, nanso wɔmaa wɔn berɛ ne dɔn+ a wɔn nkwa nna nkɔduro.
13 “Mehwɛeɛ ara, anadwo anisoadehunu no mu, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum+ mu reba. Ɔduruu Deɛ ne nna akyɛ+ no nkyɛn, na wɔmaa no bɛn n’anim.+ 14 Ɔno na wɔde tumi+ ne animuonyam+ ne ahennie+ maa no sɛ aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ wɔrensɛe no da.+
15 “Me, Daniel, ɛno nti me honhom botoo me mu, na anisoadehunu no maa mesuroeɛ.+ 16 Metwe bɛn wɔn a wɔgyina hɔ no baako, na mebisaa no na ama mahunu yei nyinaa mu yie.+ Ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nneɛma no nkyerɛaseɛ sɛ,
17 “‘Mmoa akɛseɛ yi, ɛsiane sɛ wɔyɛ nnan nti,+ ahemfo nnan na wɔbɛfiri asase so asɔre agyina.+ 18 Nanso Opumpuni+ no akronkronfoɔ+ bɛnya ahennie no, na wɔafa ahennie+ no daa afebɔɔ.’
19 “Na aboa a ɔtɔ so nnan a ɛsono ɔno koraa wɔ wɔn a aka nyinaa mu a ne ho yɛ hu boro soɔ na ne sẽ yɛ dadeɛ na ne mmɔwerɛ yɛ kɔbere a ɔmemene bubu nneɛma mu de ne nan tiatia nkaeɛ soɔ no,+ mepɛɛ sɛ mete ne ho asɛm no ase; 20 ne afei ne tiri so mmɛn du+ ne abɛn foforɔ+ a ɛpueeɛ a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim,+ abɛn a ɛwɔ aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ+ a wohwɛ a, ɛso sene deɛ aka no.
21 “Mehwɛeɛ ara, na hwɛ, saa abɛn no ne akronkronfoɔ no dii ako, na ɛtumii wɔn,+ 22 kɔsii sɛ Deɛ ne nna akyɛ+ no baeɛ, na wɔbuu atɛn maa Opumpuni no akronkronfoɔ,+ na ɛberɛ duru maa akronkronfoɔ no faa ahennie no.+
23 “Ɔkaa sɛ, ‘Aboa a ɔtɔ so nnan no bɛyɛ ahennie a ɛtɔ so nnan a ɛbɛsɔre asase soɔ, na ɛbɛsono ɛno koraa ahennie a aka nyinaa mu, na ɛbɛmene asase nyinaa atiatia so abubu no.+ 24 Na mmɛn du no, ahennie no ara mu na ahemfo du bɛsɔreɛ,+ na wɔn akyi no ɔfoforɔ bi bɛsɔre, na ɛbɛsono ɔno ne wɔn a wɔdii kan no,+ na ɔbɛbrɛ ahemfo mmiɛnsa ase.+ 25 Na ɔbɛkeka nsɛm atia Ɔsorosoroni no,+ na ɔbɛha Opumpuni no akronkronfoɔ.+ Ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ+ ne mmara,+ na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fã.*+ 26 Na wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn,+ na wɔgyee ne nsam tumi, na wɔsɛee no maa ɔsɛee koraa.+
27 “‘Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahennie ne tumi ne kɛseyɛ maa Opumpuni no akronkronfoɔ man no.+ Wɔn ahennie yɛ daa ahennie,+ na tumidie nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’+
28 “Ɛha na nsɛm no sie. Na me Daniel, me tirim nsusuiɛ bɔɔ me hu pii, na m’anim sakraeɛ, nanso asɛm no deɛ, mede siee m’akoma mu.”+