25 Na ɔbɛkeka nsɛm atia Ɔsorosoroni no,+ na ɔbɛha Opumpuni no akronkronfoɔ.+ Ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ+ ne mmara,+ na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fã.*+
27 “‘Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahennie ne tumi ne kɛseyɛ maa Opumpuni no akronkronfoɔ man no.+ Wɔn ahennie yɛ daa ahennie,+ na tumidie nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’+