Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mateo 19:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, berɛ a wɔayɛ nneɛma foforɔ na onipa Ba no te n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo a modi m’akyi yi bɛtena nhennwa dumienu so abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.+

  • Luka 22:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 na me ne mo reyɛ ahennie ho apam,+ sɛdeɛ m’Agya ne me ayɛ apam+ no,

  • Adiyisɛm 1:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 na wayɛ yɛn ahemman+ ne asɔfoɔ+ ama ne Nyankopɔn ne n’Agya no—aane, ɔno na animuonyam ne tumi nyɛ ne dea daa.+ Amen.

  • Adiyisɛm 3:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma ɔne me atena m’ahennwa so,+ sɛdeɛ me nso medii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahennwa+ soɔ no.

  • Adiyisɛm 5:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfoɔ+ maa yɛn Nyankopɔn,+ na wɔbɛdi asase so ahene.”+

  • Adiyisɛm 20:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Na mehunuu nhennwa,+ na na ebinom tete so, na wɔmaa wɔn tumi a wɔde bɛbu atɛn.+ Aane, mehunuu wɔn a Yesu ho adansedie ne Onyankopɔn ho asɛnka nti wɔde akuma kunkum wɔn no akra, ne wɔn a wɔankoto akekaboa+ no anaa ne honi+ no na wɔannye agyinahyɛdeɛ no wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa ho no.+ Na wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii adeɛ+ mfeɛ apem.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane