Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Daniel 7:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Ɔno na wɔde tumi+ ne animuonyam+ ne ahennie+ maa no sɛ aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ wɔrensɛe no da.+

  • Mateo 20:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Ɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ?” Ɔbaa no kaa sɛ: “Hyɛ ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa na baako nso ntena wo benkum wɔ w’ahennie mu.”+

  • Mateo 25:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 “Sɛ onipa Ba+ no ba n’animuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a,+ ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.+

  • Luka 18:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, obiara nni hɔ a wagya fie anaasɛ ɔyere anaasɛ nua mmarima anaasɛ awofoɔ anaasɛ mma, Onyankopɔn ahennie nti,+

  • Luka 22:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 na moadidi+ anom me pono so wɔ m’ahennie mu,+ na moatena nhennwa+ so abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.

  • 1 Korintofoɔ 6:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Anaasɛ monnim sɛ akronkronfoɔ no na wɔbɛbu wiase+ atɛn?+ Na sɛ mo na mobɛbu wiase atɛn a, momfata sɛ modi nsɛm nketewa+ anaa?

  • Adiyisɛm 20:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Na mehunuu nhennwa,+ na na ebinom tete so, na wɔmaa wɔn tumi a wɔde bɛbu atɛn.+ Aane, mehunuu wɔn a Yesu ho adansedie ne Onyankopɔn ho asɛnka nti wɔde akuma kunkum wɔn no akra, ne wɔn a wɔankoto akekaboa+ no anaa ne honi+ no na wɔannye agyinahyɛdeɛ no wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa ho no.+ Na wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii adeɛ+ mfeɛ apem.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane