13 “Mehwɛeɛ ara, anadwo anisoadehunu no mu, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum+ mu reba. Ɔduruu Deɛ ne nna akyɛ+ no nkyɛn, na wɔmaa no bɛn n’anim.+
11 na wɔkaa sɛ: “Galilea mmarima, adɛn nti na mogyinagyina ha rehwɛ soro yi? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ soro yi bɛba sɛdeɛ moahunu sɛ ɔrekɔ soro no ara.”+
7 Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa bɛhu no,+ ne wɔn a wɔhwiree ne mu no;+ na ne nti, asase so mmusuakuo nyinaa de awerɛhoɔ bɛbobɔ wɔn kokom.+ Aane, Amen.