Daniel
7 Babilon hene Belsasar afe a ɛdi kan mu no,+ Daniel soo daeɛ, na ɔnyaa anisoadehunu wɔ ne mpa so.+ Ɔtwerɛɛ daeɛ no too hɔ,+ na ɔtwerɛɛ deɛ ɔhunuiɛ no nyinaa nso too hɔ. 2 Daniel kaa sɛ:
“Anisoadehunu a menyaa anadwo no, hwɛ! mehuu sɛ ɔsoro mframa nnan no rewoso ɛpo kɛseɛ no.+ 3 Na mmoa akɛseɛ nnan+ pue firii ɛpo no mu bae, na na ɛsono sɛdeɛ wɔn mu biara teɛ.
4 “Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban.+ Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no. Afei wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa ne nan mmienu so te sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.
5 “Na hwɛ! aboa foforɔ nie, deɛ ɔtɔ so mmienu. Ɔte sɛ sisire.+ Ná wama ne nan baako so, na na nnompe* mmiɛnsa hyɛ ne se ntam wɔ n’anom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre, we nam bebree.’+
6 “Wei akyi no, mekɔɔ so hwɛe, na hwɛ! aboa foforɔ nie. Ɔte sɛ ɔsebɔ,+ nanso na ɔwɔ ntaban nnan wɔ n’akyi te sɛ anomaa ntaban. Aboa no ti yɛ nnan,+ na wɔmaa no tumi sɛ ɔnni adeɛ.
7 “Wei akyi no, mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehunu no, na mehuu aboa a ɔtɔ so nnan. Ne ho yɛ hu, na wohu no a, wobɛbɔ birim. Ne ho yɛ den boro so, na ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ. Ɔmemene nneɛma, na ɔbubu nneɛma, na deɛ aka no, ɔde ne nan tiatia so.+ Ná ɔyɛ soronko wɔ mmoa a wɔdii n’anim no nyinaa ho, na na ɔwɔ mmɛn du. 8 Berɛ a meredwendwene mmɛn no ho no, hwɛ! abɛn ketewa foforɔ bi+ puee wɔ mmɛn a na ɛwɔ hɔ no ntam, na wɔtutuu mmɛn a na ɛwɔ hɔ dada no mu mmiɛnsa wɔ foforɔ no anim. Na hwɛ! ná ani a ɛte sɛ onipa ani wowɔ abɛn foforɔ no ho, na na ɛwɔ ano a ɛkasa ahantan* so.+
9 “Mekɔɔ so hwɛe kɔsii sɛ wɔde nhennwa sisii hɔ. Na Deɛ Ne Nna Akyɛ+ no bɛtenaa ase.+ Ná ne ntaadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne tiri nwi te sɛ odwan nwi fitafita. N’ahennwa yɛ egyaframa; na ahennwa no ntwahonan yɛ egya a ɛredɛre buruburuburu.+ 10 Ná egya a ɛte sɛ asubɔnten retene firi n’anim ba.+ Ná mpempem som no, na na mpem du ahodoɔ mpem du gyinagyina n’anim.+ Na Abadwafoɔ*+ tenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma mu.
11 “Saa berɛ no, ahantansɛm* a abɛn no rekeka no nnyegyeeɛ nti,+ mekɔɔ so ara hwɛe. Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔkum aboa no. Wɔsɛee ne funu no, na wɔde mae sɛ wɔnhye wɔ egya no mu. 12 Na mmoa a aka no nso,+ tumi a wɔdi no, wɔgye firii wɔn nsam, na wɔde berɛ ne nna kaa wɔn nkwa nna ho.
13 “Mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehunu no, na hwɛ! mehuu sɛ obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum mu reba. Na wɔmaa no kwan kɔɔ Deɛ Ne Nna Akyɛ no nkyɛn,+ na wɔde no kɔɔ N’anim pɛɛ. 14 Na wɔde tumi+ ne anidie+ ne ahennie maa no sɛ nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ tumi a ɛtim hɔ daa; ɛrentwam da. Na n’ahennie nso, wɔrensɛe no da.+
15 “Na me, Daniel deɛ, me honhom botoo wɔ me mu, ɛfiri sɛ anisoadehunu no maa mesuroe.+ 16 Metwe bɛn wɔn a wɔgyinagyina hɔ no baako, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ me deɛ mehunuiɛ no ase yie. Enti ɔmaa me mmuaeɛ, na ɔmaa mehuu deɛ saa nneɛma yi kyerɛ.
17 “‘Mmoa akɛseɛ nnan yi+ yɛ ahemfo nnan a wɔbɛba asaase so.+ 18 Nanso Opumpuni no+ akronkronfoɔ bɛnya ahennie no,+ na ahennie no bɛyɛ wɔn dea+ daa, aane, daa daa.’
19 “Ná mepɛ sɛ mehunu aboa a ɔtɔ so nnan no ho nsɛm pii, aboa a na ɔyɛ soronko wɔ wɔn a aka nyinaa ho no. Ná ne ho yɛ hu boro so; ne se yɛ dadeɛ, na ne mmɔwerɛ yɛ kɔbere. Ná ɔmemene nneɛma, na ɔbubu nneɛma, na deɛ ɛbɛka no, ɔde ne nan tiatia so.+ 20 Ná mepɛ sɛ mehunu mmɛn du+ a ɛwɔ ne ti so no ho nsɛm pii. Na abɛn foforɔ a ɛpueeɛ a mmiɛnsa tutuu wɔ n’anim,+ abɛn a ɛwɔ ani ne ano a ɛkasa ahantan* so a wohwɛ a, ɛsõ sene mmɛn a aka no, ná mepɛ sɛ mehunu ho nsɛm pii.
21 “Mekɔɔ so hwɛe, na mehuu sɛ saa abɛn no ato ahyɛ akronkronfoɔ no so, na ɛtumii wɔn,+ 22 kɔsii sɛ Deɛ Ne Nna Akyɛ no+ baeɛ. Na wɔbuu atɛn maa Opumpuni no akronkronfoɔ no,+ na berɛ duruu sɛ ahennie no bɛyɛ akronkronfoɔ no dea.+
23 “Deɛ ɔkyerɛɛ anisoadehunu no mu kyerɛɛ me no, deɛ ɔkaeɛ nie: ‘Aboa a ɔtɔ so nnan no yɛ ahennie a ɛtɔ so nnan a ɛbɛba asaase so. Ɛbɛyɛ soronko wɔ ahennie a aka nyinaa ho, na ɛbɛmene asaase nyinaa na ɛde ne nan atiatia so abubu no.+ 24 Na mmɛn du no yɛ ahemfo du a wɔbɛfiri saa ahennie no ara mu aba; wɔn akyi no, foforɔ bi nso bɛba, na ɔbɛyɛ soronko wɔ wɔn a wɔdii kan no ho, na ɔbɛbrɛ ahemfo mmiɛnsa ase.+ 25 Na ɔbɛkeka nsɛm atia Ɔsorosoroni no,+ na ɔbɛkɔ so aha Opumpuni no akronkronfoɔ. Ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛsesa mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛberɛ, ne mmerɛ, ne berɛ fã.*+ 26 Nanso Abadwafoɔ* tenaa ase buu atɛn, na wɔgyee ne tumi firii ne nsam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe no ayɛ no pasaa.+
27 “‘Na ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahennie nyinaa mu wɔ ɔsoro nyinaa ase no, wɔde maa Opumpuni no akronkronfoɔ no.+ Wɔn ahennie yɛ ahennie a ɛtim hɔ daa,+ na tumidie nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’
28 “Ɛha na asɛm no sie. Na me Daniel deɛ, nneɛma a meredwene ho wɔ me tirim no bɔɔ me hu paa, na meyɛɛ hoyaa;* nanso asɛm no deɛ, mede siee m’akoma mu.”