Daniel
6 Dario hunuu sɛ ɛyɛ sɛ ɔyi ɔhene asoafoɔ 120 na ɔde wɔn sisi ahennie no nyinaa so.+ 2 Ɔde ahemfie mpanimfoɔ mmiɛnsa sisii wɔn so, na na Daniel yɛ mmiɛnsa no mu baako.+ Mmiɛnsa no na na ɔhene asoafoɔ no+ bu akonta kyerɛ wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔhene renhwere adeɛ. 3 Ná Daniel da nso wɔ ahemfie mpanimfoɔ ne ɔhene asoafoɔ no mu, ɛfiri sɛ na ɔnim nyansa paa,+ na na ɔhene ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma no diberɛ kɛseɛ paa wɔ ahennie no nyinaa mu.
4 Saa berɛ no, na ahemfie mpanimfoɔ ne ɔhene asoafoɔ no rehwehwɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ adwuma a ɔhene de ama no no* ho, nanso wɔannya bi, na wɔanhunu ne ho bɔne biara nso, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, ɔmfa n’adwuma nni agorɔ, na na bɔne biara nni ne ho. 5 Enti mmarima no kaa sɛ: “Yɛrennya Daniel yi ho asɛm biara; yɛbɛnya no a, gye sɛ ne Nyankopɔn mmara ho.”+
6 Ɛnna ahemfie mpanimfoɔ ne ɔhene asoafoɔ yi kaa wɔn ho boom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔhene Dario, nya nkwa daa. 7 Ahemfie mpanimfoɔ, atitire, ɔhene asoafoɔ, ɔhene agyinatufoɔ, ne amradofoɔ nyinaa ayɛ adwene sɛ wɔde ahyɛdeɛ ne mmara bi bɛba wɔ ɔhene din mu, na wɔahwɛ ama mmara no ayɛ adwuma. Ɛne sɛ, nnafua 30 deɛ, ɛnsɛ sɛ obiara bisa biribi firi onyame anaa onipa biara hɔ, ka wo, ɔhene ho. Obiara a wantie no, wɔbɛto no atwene agyata amena mu.+ 8 Enti ɔhene, hyɛ mmara no, na fa wo nsa hyɛ aseɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rentumi nsesa no, sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnsesa no no teɛ.”+
9 Enti Ɔhene Dario de ne nsa hyɛɛ ahyɛdeɛ ne mmara no ase.
10 Berɛ a Daniel tee sɛ ɔhene de ne nsa ahyɛ mmara no ase pɛ, ɔkɔɔ ne fie. Ná ne dan a ɛwɔ aborosan so mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem no abuebue.+ Na da biara, na ɔbu nkotodwe mprɛnsa bɔ mpaeɛ, na na ɔyi ne Nyankopɔn ayɛ sɛdeɛ na ɔtaa yɛ no. 11 Ɛnna saa mmarima no bɔ wuraa Daniel fie, na wɔhuu sɛ ɔde n’abisadeɛ reto ne Nyankopɔn anim, na ɔresrɛ no sɛ ɔnyɛ no adom.
12 Enti wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn, na wɔkɔkaee no mmara a wahyɛ no. Wɔkaa sɛ: “Ɔhene, ɛnyɛ wo na wode wo nsa hyɛɛ mmara ase sɛ obiara a ɔbɛbisa onyame anaa onipa biara hɔ biribi aka wo ho nnafua 30 mu no, wɔbɛto no atwene agyata amena mu?” Ɔhene buaa sɛ: “Asɛm no atim sɛdeɛ Media ne Persia mmara a wɔnsesa no no teɛ.”+ 13 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Daniel a ɔka Yudafoɔ a wɔatu wɔn ase aba ha ho no,+ ɔhene, ɔmmu wo, na mmara a wode wo nsa ahyɛ aseɛ no nso, ɔmfa nyɛ hwee, na da biara, ɔbɔ mpaeɛ mprɛnsa.”+ 14 Berɛ a ɔhene tee asɛm no, ɛyɛɛ no ya paa, na ɔdwenee ho ara hwɛɛ sɛ ɔbɛnya ɛkwan bi afa so agye Daniel anaa. Ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛgye no; ɔyɛeɛ ara kɔsii sɛ awia tɔeɛ. 15 Ɛnna mmarima no kaa wɔn ho boom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔhene, kae sɛ, Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara kyerɛ sɛ, ahyɛdeɛ ne mmara biara a ɔhene ahyɛ no, wɔntumi nsesa no.”+
16 Enti ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfa Daniel mmra, na wɔkɔfaa no ba bɛtoo no twenee agyata amena mu.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Wo Nyankopɔn a wosom no daa no bɛgye wo.” 17 Na wɔde boɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne kawa, ne n’aberempɔn nkawa yɛɛ ahyɛnsodeɛ wɔ ɛboɔ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensesa Daniel ho asɛm biara.
18 Na ɔhene kɔɔ n’ahemfie. Ɔkyenee kɔm anadwo no, na wamfa biribiara annyegye n’ani,* na wantumi anna.* 19 Ɛnna ɔhene sɔree ahomakye, na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. 20 Berɛ a ɔbɛn amena no ano no, ɔde awerɛhoɔ nne teaam frɛɛ Daniel. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ no akoa, wo Nyankopɔn a wosom no daa no atumi agye wo afiri agyata no nsam anaa?” 21 Ntɛm ara na Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa. 22 Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama wabɛmuamua agyata no ano,+ na wɔanyɛ me hwee,+ ɛfiri sɛ wahunu sɛ medi bem wɔ n’anim; na wo, ɔhene nso, menyɛɛ wo bɔne biara.”
23 Na ɔhene ani gyee paa, na ɔkaa sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu. Berɛ a wɔyii Daniel firii amena no mu baeɛ no, wɔhuu sɛ biribiara nyɛɛ no, ɛfiri sɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.+
24 Na ɔhene maa wɔkɔfaa mmarima a wɔbɔɔ Daniel soboɔ* no bae, na wɔtoo wɔn guu agyata amena no mu, wɔne wɔn mma ne wɔn yerenom nyinaa. Wɔannuru amena no ase mpo na agyata no bu faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.+
25 Ɛnna Ɔhene Dario twerɛ kɔmaa nkurɔfoɔ, aman, ne wɔn a wɔka kasa hodoɔ a wɔtete asaase nyinaa so+ no nyinaa sɛ: “Asomdwoeɛ pii nka mo! 26 Merehyɛ mmara sɛ, ahennie a medi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na ɔnsuro Daniel Nyankopɔn no.+ Ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ no, na ɔte hɔ daa. N’ahennie rensɛe da, na ne tumi* wɔ hɔ daa.+ 27 Ɔno na ɔyi+ ne nkurɔfoɔ na ɔgye wɔn. Ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asaase so,+ ɛfiri sɛ wagye Daniel afiri agyata nsam.”
28 Na ɛsii Daniel yi yie wɔ Dario ahennie mu+ ne Persiani Kores ahennie mu.+