Daniel
5 Ɔhene Belsasar+ too pono kɛseɛ bi maa n’aberempɔn 1,000, na ɔnom nsã wɔ wɔn anim.+ 2 Berɛ a nsã no boo Belsasar no, ɔkaa sɛ wɔmfa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a ne papa* Nebukadnesar kɔfa firii Yerusalem asɔrefie hɔ baeɛ no mmra,+ na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne mpenafoɔ,* ne ne yerenom nkumaa no nnom mu. 3 Ɛnna wɔde nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a wɔkɔfa firii Onyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne mpenafoɔ, ne ne yerenom nkumaa no nom mu. 4 Wɔnom nsã, na wɔkamfoo anyame a wɔde sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ, ne kɔbere, ne dadeɛ, ne dua, ne aboɔ ayɛ no.
5 Prɛko pɛ na onipa nsateaa bi baeɛ, na ɛfirii aseɛ twerɛɛ ahemfie no fasuo ho, baabi a ɛne kaneadua no di nhwɛanimu no. Berɛ a nsa no retwerɛ no, na ɔhene hunu nsa no akyi. 6 Ɛnna ɔhene yɛɛ hoyaa,* na nneɛma a ɔredwene ho wɔ ne tirim no maa no bɔɔ hu, na n’asene mu hodwoeɛ,+ na ne nkotodwe keka boom.
7 Ɔhene teaam dendeenden sɛ wɔnkɔfa nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ,* ne nsoromma mu ahwɛfoɔ no mmra.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ Babilon anyansafoɔ no sɛ: “Obiara a ɔbɛkan ntwerɛeɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔde ntoma afasebire bɛfira no, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ bɛgu ne kɔn mu,+ na ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔbɛdi tumi wɔ ahennie yi mu.”+
8 Ɛnna ɔhene anyansafoɔ no nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankan ntwerɛeɛ no, na wɔantumi ankyerɛ aseɛ ankyerɛ ɔhene.+ 9 Enti Ɔhene Belsasar bɔɔ hu paa, na n’anim yɛɛ hoyaa; na n’aberempɔn no ho yeraa wɔn.+
10 Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti, ɔhemmaa no baa apontoɔ dan no mu. Na ɔhemmaa no kaa sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa! Mma nneɛma a woredwene ho wɔ wo tirim no mmmɔ wo hu, na mma w’anim nnyɛ hoyaa. 11 Ɔbarima* bi wɔ w’ahennie mu a ɔwɔ anyame kronkron no honhom. Wo papa berɛ so no, wɔhuu sɛ ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu ne nyansa a ɛte sɛ anyame nyansa.+ Wo papa, Ɔhene Nebukadnesar, de no sii akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ,* ne nsoromma mu ahwɛfoɔ no so panin.+ Ɔhene, wo papa na ɔyɛɛ no saa. 12 Daniel a ɔhene too ne din Beltesasar no,+ na ɔnim adeɛ paa, na na ɔwɔ nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛ daeɛ ne akasabebuo* ase, nimdeɛ ne nhunumu a wɔde kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.*+ Enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel mmra, na ɔbɛkyerɛ aseɛ akyerɛ wo.”
13 Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Na ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Wone Daniel anaa? Woka nkurɔfoɔ a me papa ɔhene atu wɔn ase afiri Yuda de wɔn aba ha no ho?+ 14 Mate wo nka sɛ wowɔ anyame no honhom,+ na wɔahunu sɛ wowɔ nimdeɛ ne nhunumu, na wowɔ nyansa a ɛkyɛn so.+ 15 Wɔde anyansafoɔ ne nkonyaayifoɔ no baa m’anim sɛ wɔmmɛkenkan ntwerɛeɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.+ 16 Nanso mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase,+ na wotumi kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.* Enti sɛ wotumi kenkan ntwerɛeɛ yi na wokyerɛ me aseɛ a, wɔde ntoma afasebire bɛfira wo, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ bɛgu wo kɔn mu, na wobɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔbɛdi tumi wɔ ahennie yi mu.”+
17 Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma w’akyɛdeɛ no nwɔ hɔ, na fa w’akyɛdeɛ no ma nnipa foforɔ. Nanso, mɛkenkan ntwerɛeɛ no akyerɛ ɔhene, na mama woahunu ne nkyerɛaseɛ. 18 Ɔhene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no de ahennie ne kɛseyɛ ne anidie ne tumi maa wo papa Nebukadnesar.+ 19 Kɛseyɛ a Ɔde maa no nti, nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa ho popoo wɔ n’anim na wɔsuroo no.+ Obiara a ɔpɛ no, ɔkuu no, na obiara a ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; obiara a ɔpɛ no, ɔmaa no so, na obiara a ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.+ 20 Nanso berɛ a n’akoma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den maa ɔyɛɛ ahantan no,+ wɔtuu no firii n’ahennwa so, na wɔgyee n’animuonyam firii ne nsam. 21 Wɔpamoo no firii nnipa mu, na wɔmaa n’akoma yɛɛ sɛ aboa deɛ, na wuram mfunumu na ɔne wɔn tenaeɛ. Ɔwee wura sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhuu sɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.+
22 “Na wo, ne ba* Belsasar, wonim weinom nyinaa, nanso woammrɛ w’akoma ase. 23 Mmom, Ɔsoro Wura no na woama wo ho so atia no,+ na woama wɔde ne fie nneɛma abrɛ wo.+ Na wo ne w’aberempɔn, ne wo mpenafoɔ, ne wo yerenom nkumaa anom mu nsã, na woakamfo anyame a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua, ne aboɔ ayɛ no, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnim hwee no.+ Na Onyankopɔn a wo home+ ne w’akwan nyinaa wɔ ne nsam no deɛ, woanhyɛ no animuonyam. 24 Enti ɔno na ɔsomaa nsa yi maa ɛbɛtwerɛɛ ntwerɛeɛ yi.+ 25 Na nsɛm a ɛtwerɛeɛ no nie: MENE, MENE, TEKEL, ne PARSIN.
26 “Nsɛm no nkyerɛaseɛ nie: MENE, Onyankopɔn akan nna a w’ahennie bɛdi, na ɔde aba awieeɛ.+
27 “TEKEL, wɔakari wo wɔ nsenia* mu, na wɔahunu sɛ wonnuru baabiara.
28 “PERES, wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”+
29 Ɛnna Belsasar ka maa wɔde ntoma afasebire firaa Daniel, na wɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuadeɛ guu ne kɔn mu; na wɔbɔɔ dawuro sɛ ɔno na ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔbɛdi tumi wɔ ahennie no mu.+
30 Saa anadwo no ara, wɔkum Kaldeafoɔ hene Belsasar.+ 31 Na wɔde ahennie no maa Mediani Dario.+ Saa berɛ no, na wadi bɛyɛ mfe 62.