Daniel
4 “Krataa yi firi me, Ɔhene Nebukadnesar nkyɛn. Mede rekɔma nkurɔfoɔ ne aman ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa wɔ asaase so baabiara: Asomdwoeɛ pii nka mo! 2 Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ayɛ ama me no ho asɛm akyerɛ mo. 3 Ne nsɛnkyerɛnne yɛ akɛseɛ, na n’anwanwadeɛ kyɛn so! N’ahennie yɛ ahennie a ɛtim hɔ daa, na ɔdi tumi wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
4 “Me, Nebukadnesar, ná mete me fie dwoodwoo, na na medi yie wɔ m’ahemfie. 5 Mesoo daeɛ bi a ɛmaa mebɔɔ hu. Berɛ a meda me mpa so no, nneɛma a ɛbaa me tirim ne m’anisoadehunu maa mesuroeɛ.+ 6 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babilon anyansafoɔ nyinaa mmra m’anim na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.+
7 “Ɛnna akɔmfoɔ, nkonyaayifoɔ, Kaldeafoɔ,* ne nsoromma mu ahwɛfoɔ+ no baeɛ. Berɛ a mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn no, wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.+ 8 Akyire yi, Daniel baa m’anim, deɛ wɔfrɛ no Beltesasar+ sɛdeɛ me nyame no din teɛ,+ a ɔwɔ anyame kronkron no honhom no,+ na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no sɛ:
9 “‘Akɔmfoɔ panin Beltesasar,+ menim paa sɛ anyame kronkron no honhom wɔ wo mu,+ na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛboro wo so.+ Enti anisoadehunu a menyaa wɔ daeɛ mu no, kyerɛ me mu, na ka ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.
10 “‘Anisoadehunu a menyaa wɔ me mpa so no, mehuu dua bi+ a ɛsi asaase mfimfini, na na ɛware tenteenten.+ 11 Dua no nyinii, na ɛbɛyɛɛ den, na ne nkɔnmu kɔduruu soro, na na wɔhunu wɔ asaase anoano baabiara. 12 Ná n’ahaban yɛ fɛ, n’aba dɔɔso, na na aduane wɔ so ma obiara. Wuram mmoa kɔdedaa ne nwunu mu, na wiem nnomaa nso kɔsisii ne nkorabata so, na na nnipa ne mmoa nyinaa* didi so.
13 “‘Anisoadehunu a menyaa wɔ me mpa so no, mehuu ɔwɛmfoɔ bi, ɔkronkronni bi, sɛ ɔfiri soro resiane ba.+ 14 Na ɔteaam dendeenden sɛ: “Montwa dua no nto fam,+ montwitwa ne nkorabata, momporo n’ahaban, na mompansam n’aba! Momma mmoa nnwane mfiri aseɛ, na nnomaa ntutu mfiri ne nkorabata so. 15 Nanso monnya ne dunsini ne ne nhini no wɔ asaase mu wɔ wuram wɔ serɛ so, na momfa dadeɛ ne kɔbere nkyekyere. Momma ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɛne mmoa ntena wuram wɔ asaase so.+ 16 Ma n’akoma nsesa na anyɛ onipa deɛ bio, na wɔmma no aboa akoma, na mmerɛ nson+ ntwam.+ 17 Awɛmfoɔ na wɔde saa asɛm yi too dwa,+ na akronkronfoɔ na wɔhwɛ maa wɔde atemmuo yi too dwa, na ama ateasefoɔ ahunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi,+ na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na onipa a wɔmfa no nyɛ hwee koraa no na ɔde no si so.”
18 “‘Daeɛ yi na me, Ɔhene Nebukadnesar, mesoeɛ. Na afei wo, Beltesasar, kyerɛ aseɛ, ɛfiri sɛ m’ahennie mu anyansafoɔ a aka nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ.+ Nanso wo deɛ, wobɛtumi, ɛfiri sɛ anyame kronkron no honhom wɔ wo mu.’
19 “Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar+ no ho dwirii no kakra, na nneɛma a ɔredwene ho wɔ ne tirim no maa ɔbɔɔ hu.
“Ɔhene kaa sɛ, ‘Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ mmmɔ wo hu.’
“Ɛnna Beltesasar buaa sɛ, ‘O me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔmpɛ w’asɛm no ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.
20 “‘Dua a wohunuiɛ a ɛnyiniiɛ, na ɛyɛɛ kɛseɛ, na ɛbɛyɛɛ den, na ne nkɔnmu kɔduruu soro, na wɔhunuu wɔ asaase anoano baabiara,+ 21 a n’ahaban yɛ fɛ, na n’aba dɔɔso, na aduane wɔ so ma obiara, na wuram mmoa deda aseɛ, na wiem nnomaa sisi ne nkorabata so no,+ 22 ɔhene, ɛyɛ wo a, ɛfiri sɛ woabɛyɛ ɔhenkɛseɛ, na woayɛ den, na wo kɛseyɛ no akɔ ara akɔduru soro,+ na wo tumidie akɔduru asaase ano akyirikyiri.+
23 “‘Ɔhene huu ɔwɛmfoɔ bi, ɔkronkronni bi,+ sɛ ɔfiri ɔsoro resiane ba, na ɔkaa sɛ: “Montwa dua no nto fam na monsɛe no, nanso monnya ne dunsini ne ne nhini no wɔ asaase mu wɔ wuram wɔ serɛ so, na momfa dadeɛ ne kɔbere nkyekyere. Na momma ɔsoro bosuo mfɔ no, na ɛne mmoa ntena wuram nkɔsi sɛ mmerɛ nson bɛtwam.”+ 24 Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie; ɛyɛ Ɔsorosoroni no atemmuo a ɛbɛba me wura ɔhene so. 25 Wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena, na wobɛwe wura sɛ nantwie; na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo,+ na mmerɛ nson+ bɛtwam,+ akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.+
26 “‘Nanso ɛsiane sɛ wɔkaa sɛ wɔnnya dua no dunsini ne ne nhini nti,+ sɛ wonya hunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi a, w’ahennie no bɛsan abɛdi wo nsam bio. 27 Enti ɔhene, mepa wo kyɛw, tie m’afotuo yi. Yɛ adetenenee na fa twe wo ho firi wo bɔne ho, na hu ahiafoɔ mmɔbɔ fa pepa w’amumuyɛ. Ebia ɛbɛma woadi yie anya asomdwoeɛ akyɛ.’”+
28 Weinom nyinaa baa Ɔhene Nebukadnesar so.
29 Abosome 12 akyi no, ɛbaa sɛ na ɔnenam Babilon ahemfie no atifi. 30 Na ɔhene kaa sɛ: “Babilon Kɛseɛ a mede me ara m’ahoɔden ne me tumi akyekyere de ayɛ ahenkuro sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu m’animuonyam ne me tumi no, ɛnyɛ ɛno nie?”
31 Berɛ a ɔhene gu so rekasa no, ɛnne bi firi soro baa sɛ: “Ɔhene Nebukadnesar, wɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ahennie no afiri wo nsa.+ 32 Wɔrepamo wo afiri nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena, na wobɛwe wura sɛ nantwie, na mmerɛ nson bɛtwam, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.’”+
33 Saa berɛ no ara, asɛm no baa mu wɔ Nebukadnesar so. Na wɔpamoo no firii nnipa mu, na ɔfirii aseɛ wee wura sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam kɔsii sɛ ne nwi fuu sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na ne mmɔwerɛ yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.+
34 “Saa berɛ no baa awieeɛ no,+ me, Nebukadnesar, mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san yɛɛ adwuma; na meyii Ɔsorosoroni no ayɛ, na mekamfoo Deɛ ɔte ase daa no hyɛɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ ne tumi yɛ tumi a ɛwɔ hɔ daa, na n’ahennie wɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 35 Asaase sofoɔ nyinaa nsɛ hwee mma no, na ɔyɛ deɛ ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asaase sofoɔ mu. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi asi no kwan*+ anaa ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woayɛ yi?’+
36 “Saa berɛ no, m’adwene san yɛɛ adwuma bio, na m’ahennie animuonyam, me tumi, ne me hyerɛn san bɛdii me nsam bio.+ Me mpanimfoɔ ne m’aberempɔn hwehwɛɛ me dendeenden, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na menyaa tumi a ɛsene kane deɛ no kaa ho.
37 “Enti me, Nebukadnesar, meyi ɔsoro Hene no ayɛ,+ na mema no so hyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan tene,+ na wɔn a wɔma wɔn ho so no, ɔtumi brɛ wɔn ase.”+