Daniel
3 Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika kɔkɔɔ honi bi a ne tenten yɛ basafa 60,* na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 6.* Ɔde sii Dura asaasetraa no so wɔ Babilon mantam no mu. 2 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar somaa sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ ɔhene asoafoɔ ne atitire ne amradofoɔ ne afotufoɔ ne afotosanfoɔ ne atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ ne amantam no so ahwɛfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra adwabɔ a Ɔhene Nebukadnesar de rehyira ne honi so no ase.
3 Enti ɔhene asoafoɔ ne atitire ne amradofoɔ ne afotufoɔ ne afotosanfoɔ ne atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ ne amantam no so ahwɛfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔreba ohoni a Ɔhene Nebukadnesar rebɛhyira so no ase bi. Na wɔbɛgyinagyinaa ohoni a Nebukadnesar de asi hɔ no anim. 4 Na ɛsɛn* no teaam dendeenden sɛ: “Nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a moka kasa hodoɔ, wɔreka akyerɛ mo sɛ, 5 sɛ mote abɛn, atɛntɛbɛn, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn kɛseɛ, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ a, mommutubutu fam nsom sika kɔkɔɔ honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no. 6 Obiara a wammutu fam ansom no no, ɛhɔ ara, wɔbɛto no ato fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu.”+ 7 Ɛno nti, berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa tee abɛn, atɛntɛbɛn, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ no, nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ no nyinaa butubutuu fam, na wɔsom sika kɔkɔɔ honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.
8 Saa berɛ no, Kaldeafoɔ bi ba bɛbɔɔ Yudafoɔ no soboɔ.* 9 Wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa. 10 Ɔhene, wo na wohyɛɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ no, ɔmmutu fam nsom sika kɔkɔɔ honi no; 11 na deɛ wammutu fam ansom no no, wɔde no bɛto fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu.+ 12 Yudafoɔ bi wɔ hɔ a woayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Babilon mantam no so. Wɔn ne: Sadrak, Mesak ne Abednego.+ Ɔhene, saa mmarima yi mmu wo. Wɔnsom w’anyame, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, wɔse wɔrensom no.”
13 Ɛnna Nebukadnesar bo fuu dendeenden, na ɔkaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra. Enti wɔkɔfaa mmarima yi baa ɔhene anim. 14 Na Nebukadnesar bisaa wɔn sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abednego, ɛyɛ ampa sɛ monsom m’anyame,+ na sika kɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no nso, mose morensom no? 15 Afei, sɛ moayɛ krado sɛ mote abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn, ne nnwontoɔ nneɛma a aka no nyinaa nnyegyeeɛ, na mobɛbutu fam asom ohoni a mayɛ no a, ɛnneɛ me ne mo nni asɛm. Na sɛ moansom no a, ɛnneɛ ɛhɔ ara, wɔde mo bɛgu fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu. Na onyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam?”+
16 Ɛnna Sadrak, Mesak, ne Abednego buaa ɔhene sɛ: “O Nebukadnesar, ɛnhia sɛ yɛma wo mmuaeɛ biara wɔ asɛm yi ho. 17 Sɛ ɛba no saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi agye yɛn afiri fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu, na ɔbɛtumi agye yɛn afiri wo nsam, O ɔhene.+ 18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, yɛpɛ sɛ wohunu sɛ, yɛrensom w’anyame no, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, yɛrensom no.”+
19 Na Nebukadnesar bo fuu Sadrak, Mesak, ne Abednego dendeenden maa n’anim* sesaa koraa. Na ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nyɛ hye mprɛ nson nkyɛn sɛdeɛ wɔtaa yɛ no no. 20 Na ɔka kyerɛɛ mmarima ahoɔdenfoɔ bi a wɔka n’asraafoɔ no ho sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak, ne Abednego, na wɔnkɔto wɔn ngu fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu.
21 Enti wɔkyekyeree mmarima yi berɛ a na wɔn ntoma, wɔn ntaadeɛ, wɔn abotire, ne wɔn ho ntaadeɛ foforɔ da so hyehyɛ wɔn, na wɔtoo wɔn guu fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu. 22 Ɛsiane sɛ na ɔhene asɛm no mu yɛ den paa, na fononoo no mu ayɛ hye aboro so nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego kɔeɛ no mmom na egyaframa no kunkum wɔn. 23 Na mmarima mmiɛnsa yi, Sadrak, Mesak, ne Abednego deɛ, wɔhwehwee fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu berɛ a na wɔakyekyere wɔn.
24 Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar akoma tuiɛ, na ɔyɛɛ ntɛm sɔree. Na ɔbisaa ɔhene mpanimfoɔ no sɛ: “Ɛnyɛ mmarima mmiɛnsa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu egya no mu?” Wɔbuaa ɔhene sɛ: “Ɛyɛ ampa, O ɔhene.” 25 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Mehunu mmarima nnan a wɔnenam egya no mu. Wɔnkyekyeree wɔn, na wɔn ho ntɔɔ kyima, na deɛ ɔtɔ so nnan no te sɛ anyame no ba bi.”
26 Na Nebukadnesar bɛn fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no ano. Na ɔkaa sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abednego, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no+ nkoa, mompue mmra!” Na Sadrak, Mesak, ne Abednego pue firii egya no mu bae. 27 Na ɔhene asoafoɔ ne atitire ne amradofoɔ ne ɔhene mpanimfoɔ a ahyia hɔ no+ hunuu sɛ egya no anyɛ wɔn nipadua hwee;*+ wɔn tiri nwi baako mpo anhye, wɔn ntoma nso, sɛdeɛ na ɛteɛ ara na na ɛteɛ, na na wisie biara nnyee wɔn ho.*
28 Ɛnna Nebukadnesar kaa sɛ: “Ayeyie nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn+ a wasoma ne bɔfoɔ ama wabɛgye ne nkoa no. Wɔde wɔn ho too ne so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wɔbɛwu* sene sɛ wɔbɛkoto anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.+ 29 Ɛno nti, merehyɛ mmara sɛ, nkurɔfoɔ, aman, ne nnipa a wɔka kasa hodoɔ nyinaa, obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn no, wɔbɛtwitwa ne mu asinasini, na wɔadane ne fie amansan agyananbea,* ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa sɛ wei.”+
30 Na ɔhene maa Sadrak, Mesak, ne Abednego diberɛ kɛseɛ* wɔ Babilon mantam no mu.+