Daniel
3 Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi+ bi a ne tenten yɛ basafa aduosia, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na ɔde sii Dura asasetamaa so wɔ Babilon mantam no mu.+ 2 Na Ɔhene Nebukadnesar somaa sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ amantam asoafoɔ, atitire+ ne amradofoɔ, afotufoɔ, afotosanfoɔ, atemmufoɔ, polisifoɔ mpanimfoɔ,+ ne amantam no so ahwɛfoɔ nyinaa, na wɔmmra adwabɔ+ a ɔhene Nebukadnesar de rehyira ne honi soɔ no ase.
3 Ɛnna wɔkɔfrɛfrɛɛ amantam asoafoɔ,+ atitire ne amradofoɔ, afotufoɔ, afotosanfoɔ, atemmufoɔ, polisifoɔ mpanimfoɔ, ne amantam no so ahwɛfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛhyira ohoni a ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no so, na wɔbɛgyinagyinaa ohoni a Nebukadnesar de asi hɔ no anim. 4 Na ɛsɛn+ bi teaam dendeenden sɛ: “Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa hodoɔ,+ wɔka kyerɛ mo sɛ, 5 sɛ mote abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn ne nnwontoɔ nneɛma hodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a,+ mommutubutu fam nsom sika honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no. 6 Na obiara a ɔremmutu fam nsom+ no no, dɔn no ara mu,+ wɔde no bɛto fononoo a egya refram mu no mu.”+ 7 Ɛno nti, berɛ a aman no nyinaa tee abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, ne nnwontoɔ nneɛma hodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no ara pɛ, aman,+ nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ no nyinaa butubutuu fam som sika honi a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no.
8 Saa berɛ no ara mu, Kaldeafoɔ bi baa ɔhene nkyɛn bɛtotoo Yudafoɔ+ no ano. 9 Wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa.+ 10 Wo ɔhene, wo na woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn ne nnwontoɔ nneɛma hodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no,+ ɔmmutu fam nsom sika honi no, 11 na deɛ wammutu fam ansom no no, wɔde no bɛto fononoo a egya refram mu+ no mu. 12 Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi hɔ sɛ wɔnhwɛ Babilon amantam soɔ,+ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔhene, saa mmarima yi mmu wo; wɔnsom w’anyame, na sika honi a wode asi hɔ no nso, wɔnsom no.”+
13 Ɛnna Nebukadnesar de abufuo ne anibereɛ+ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abednego+ mmra. Enti wɔkɔfaa mmarima yi baa ɔhene anim. 14 Na Nebukadnesar bisaa wɔn sɛ: “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ ampa sɛ mose morensom m’anyame,+ na sika honi a mede asi hɔ no nso, morensom no?+ 15 Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sambuka sankuo, sankuwa, sankuo, atɛntɛbɛn ne nnwontoɔ nneɛma hodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no,+ mobɛbutu fam asom ohoni a mayɛ no a, ɛyɛ. Na sɛ moansom no a, dɔn no ara mu, wɔde mo bɛgu fononoo a egya refram mu no mu. Na onyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam?”+
16 Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abednego buaa ɔhene sɛ: “O Nebukadnesar, ɛnhia sɛ yɛbɛbua wo yei ho asɛm bi.+ 17 Sɛ ɛba saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi agye yɛn. Ɔbɛyi yɛn afiri fononoo a egya refram mu no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene nsam.+ 18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, yɛpɛ sɛ wohunu sɛ ɛnyɛ w’anyame na yɛbɛsom wɔn, na sika honi a wode asi hɔ no nso, yɛrensom no.”+
19 Ɛnna Nebukadnesar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego, na n’anim tebea sakraeɛ. Na ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no nnɔ mprɛ nson nkyɛn sɛdeɛ daa ɛdɔ no. 20 Na ɔhyɛɛ mmarima ahoɔdenfoɔ+ bi a wɔka n’asraafoɔdɔm ho sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego nkɔto wɔn ngu fononoo a egya refram mu no mu.+
21 Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, wɔn ntadeɛ ne wɔn abotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu fononoo a egya refram mu no mu. 22 Ɛsiane sɛ na ɔhene asɛm no mu yɛ den, na fononoo no adɔ aboro soɔ nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak ne Abednego kɔeɛ no, gyaframa no kunkum wɔn. 23 Na mmarima mmiɛnsa yi, Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn no hwehwee fononoo a egya refram mu no mu.+
24 Ɛnna ɔhene Nebukadnesar akoma tuiɛ, na ɔyɛɛ ntɛm sɔreeɛ. Na ɔbisaa n’ahemfie mpanimfoɔ no sɛ: “Ɛnyɛ mmarima mmiɛnsa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu gya+ no mu?” Wɔbuaa ɔhene sɛ: “Ɛyɛ ampa, ɔhene.” 25 Ɔno nso kaa sɛ: “Hwɛ! Mehunu mmarima nnan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam egya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyima, na deɛ ɔtɔ so nnan no hwɛbea te sɛ anyame+ ba bi.”
26 Ɛnna Nebukadnesar bɛn fononoo a egya refram mu+ no ano. Na ɔkaa sɛ: “Sadrak, Mesak, ne Abednego, Ɔsorosoroni Nyankopɔn+ no nkoa, momfiri adi mmra!” Na Sadrak, Mesak, ne Abednego firii adi firii egya no mu baeɛ. 27 Na amantam asoafoɔ, atitire ne amradofoɔ ne ɔhene mpanimfoɔ+ a wɔahyia no hwɛɛ mmarima yi, na wɔhunuu sɛ egya no annya wɔn nipadua so tumi,+ na wɔn tiri so nwi+ ho anka, na wɔn ntwontwo mpo ansakra, na egya no hwa nso annye wɔn ho.
28 Nebukadnesar kaa sɛ: “Nhyira nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn no;+ ɔno na wasoma ne bɔfoɔ+ ama no abɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ+ na wɔsakraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn nipadua maeɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔrenkoto+ nsɔre+ onyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn no nko.+ 29 Na mehyɛ mmara+ sɛ aman, nkurɔfoɔ ne kasa hodoɔ nyinaa mu no, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa ne mu asinasini,+ na wɔadane ne fie agyananbea,+ ɛfiri sɛ onyame bi nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa sɛ oyi.”+
30 Ɛnna ɔhene maa no sii Sadrak, Mesak ne Abednego yie wɔ Babilon mantam no mu.+