1 Samuel 17:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Na Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ɔgyee me firii gyata ne sisire nsam no, ɔno na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.”+ Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”+ 2 Samuel 22:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛdie mu;+Ɔbarima a ɔdi mũ na wo ne no bɛdi no mũdie mu;+ Dwom 27:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.+Hwan na mɛsuro no?+Yehowa ne me nkwa abandenden.+Hwan na me ho bɛpopo n’anim?+ Mmebusɛm 18:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Abandenden ne Yehowa din.+ Emu na ɔteneneeni dwane korɔ, na ɔnya ahobammɔ.+ Yesaia 12:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+ Mewɔ ahotɔsoɔ na merensuro,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagyeɛ.”+ Daniel 6:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɔno na ɔyi na ɔgye ne nkurɔfoɔ+ na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ɔsoro+ ne asase soɔ;+ ɔno na ɔgyee Daniel firii agyata nsam.” Mika 7:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso me deɛ, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn bɛtie me.+ 2 Korintofoɔ 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɛfiri sɛ ɔgyee yɛn firii ade kɛseɛ te sɛ owuo mu, na ɔbɛgye yɛn;+ na yɛn ani da ne so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+
37 Na Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ɔgyee me firii gyata ne sisire nsam no, ɔno na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.”+ Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”+
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.+Hwan na mɛsuro no?+Yehowa ne me nkwa abandenden.+Hwan na me ho bɛpopo n’anim?+
2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+ Mewɔ ahotɔsoɔ na merensuro,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagyeɛ.”+
27 Ɔno na ɔyi na ɔgye ne nkurɔfoɔ+ na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ɔsoro+ ne asase soɔ;+ ɔno na ɔgyee Daniel firii agyata nsam.”
7 Nanso me deɛ, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn bɛtie me.+
10 Ɛfiri sɛ ɔgyee yɛn firii ade kɛseɛ te sɛ owuo mu, na ɔbɛgye yɛn;+ na yɛn ani da ne so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+