Mika
7 Asɛm ato me,+ ɛfiri sɛ me tebea ayɛ sɛ berɛ a wɔate ahuhuro berɛ mu nnuaba na wɔasesa bobe ase nkaeɛ,+ nanso bobe a mɛdie ne borɔdɔma a ɛdi kan a me kra kɔn dɔ nyinaa abɔ me!+ 2 Ɔnokwafoɔ ayera afiri asase so, na adasamma mu deɛ ɔtene biara nni hɔ.+ Wɔn nyinaa kɔtɛ sɛ wɔbɛhwie mogya aguo.+ Obiara kura asau a ɔrehwehwɛ ne nua ayi no.+ 3 Wɔn nsa gu bɔne so pɛ sɛ wɔyɛ no frenkyemm.+ Mpanimfoɔ bisa adeɛ, na atemmufoɔ gye akatua na wɔabu atɛn,+ na atitire ka deɛ wɔn kra kɔn dɔ.+ Enti wɔka wɔn tiri pam ho bɔ pɔ. 4 Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo, wɔn mu deɛ ɔtene mpo sene nkasɛɛ ban.+ W’awɛmfoɔ da no, berɛ a wobɛbu akonta no, bɛba.+ Afei wɔn ani so bɛyɛ krakra.+
5 Monnnye adamfoɔ nnni. Na mommfa mo werɛ nnhyɛ ɔyɔnko berɛboɔ mu.+ Ɔbaa a ɔda wo kokom mpo no, hwɛ w’ano yie wɔ ne ho.+ 6 Na ɔbabarima bu ne papa animtia, ɔbabaa sɔre tia ne maame,+ asew sɔre tia n’asebaa.+ Obi fiefoɔ yɛ n’atamfo.+
7 Nanso me deɛ, Yehowa ara na mehwɛ no.+ Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+ Me Nyankopɔn bɛtie me.+
8 Ɔbaa, me tamfo, nni ahurisie wɔ me ho.+ Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre;+ mete sum mu deɛ,+ nanso Yehowa bɛyɛ me hann.+ 9 Mayɛ Yehowa bɔne,+ enti mɛsoa n’abufuo akɔsi sɛ ɔbɛdi m’asɛm ama me na wabu atɛn ama me.+ Ɔde me bɛba hann mu ama mahunu ne tenenee.+ 10 Me tamfo bɛhunu, na deɛ ɔbisaa me sɛ, “Wo Nyankopɔn Yehowa no wɔ he?”+ no ani bɛwu pɔtɔɔ.+ Mede m’ani bɛhwɛ no hãã.+ Afei wɔbɛtiatia ne so te sɛ kwan so atɛkyɛ.+
11 Da a wɔbɛto wo fasuo no, ahyɛdeɛ no bɛkɔ akyirikyiri.+ 12 Saa da no wɔbɛfiri Asiria ne Egypt nkuro mu aba wo nkyɛn, na wɔbɛfiri Egypt akɔsi asubɔnten kɛseɛ no ano,+ ɛpo ne ɛpo ntam, ne bepɔ ne bepɔ ntam aba.+ 13 Na kuro no sofoɔ ne wɔn nneyɛɛ nti asase no bɛdane amamfõ.+
14 Fa wo poma hwɛ wo man,+ wo nnwan a wɔyɛ w’agyapadeɛ no, wɔn a wɔn nko ara te kwaeɛ mu, turo mfimfini no.+ Ma wɔnnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete berɛ no mu.+
15 “Mɛma wɔahunu anwanwadeɛ te sɛ berɛ a wofiri Egypt asase so reba no.+ 16 Aman pii bɛhunu na wɔn ani awu, wɔn ahoɔden nti.+ Wɔde wɔn nsa bɛto wɔn ano,+ na wɔn aso bɛsi. 17 Wɔbɛtafere dɔteɛ sɛ ɔwɔ,+ na wɔde anibereɛ bɛfiri wɔn aban mu aba+ sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho ase. Wɔde ahopopoɔ bɛba Yehowa yɛn Nyankopɔn anim, na wɔbɛsuro wo.”+
18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+ 19 Ɔbɛsan ahu yɛn mmɔbɔ+ na watiatia yɛn mfomsoɔ so.+ Wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu po ase tɔnn.+ 20 Wobɛda wo nokorɛdie adi akyerɛ Yakob na woada w’adɔeɛ adi akyerɛ Abraham sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi teteete no.+