9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim sɛ ɛkwan biara so Yehowa de asase yi bɛma mo,+ na mo ho hu mpo atɔ yɛn so+ dada. Na moama asase yi sofoɔ nyinaa akoma aboto.+
9 Na kuro no bɛyɛ ahurisie din ama me,+ ne ayeyie ne ade fɛfɛ ama asase so aman a wɔbɛte adepa a mɛyɛ ama wɔn no nyinaa.+ Na adepa ne asomdwoeɛ a mɛma wɔanya nti,+ aman no akoma bɛtu+ na wɔn ho awoso.’”+