Mmebusɛm
18 Deɛ ɔte ne ho no hwehwɛ deɛ ɔno ara pɛ;+ ɔtwe ne ho firi nyansa nyinaa ho.+
2 Ɔkwasea mfa nhunumu nyɛ hwee,+ na mmom n’akoma na ɔyi no adie.+
3 Ɔbɔnefoɔ ba a, animtiabuo nso ba;+ na animguaseɛ+ ne ahohorabɔ na ɛnam.
4 Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a ɛmu dɔ.+ Nyansa abura yɛ asutene a ɛbu fa soɔ.+
5 Ɛnyɛ sɛ wobɛyɛ animhwɛ adi ama ɔbɔnefoɔ,+ na woadane ɔteneneeni asɛm ani, atemmuo mu.+
6 Ɔkwasea anom asɛm de ɔham ba,+ na n’ano frɛfrɛ mmaa.+
7 Ɔkwasea ano na ɛsɛe no,+ na n’anom asɛm sum ne kra fidie.+
8 Dinsɛefoɔ nsɛm te sɛ aduane a wɔmemene no ntɛmntɛm,+ na ɛkɔ nsono mu tɔnn.+
9 Deɛ ɔntene ne ho nyɛ adwuma+ nso—ne nua ne ɔdesɛefoɔ.+
10 Abandenden ne Yehowa din.+ Emu na ɔteneneeni dwane korɔ, na ɔnya ahobammɔ.+
11 Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den,+ ɛte sɛ fasuo a ɛyɛ den wɔ n’ani so.+
12 Deɛ ɛdi asehweɛ anim ne sɛ onipa akoma bɛma ne ho soɔ,+ na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.+
13 Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a,+ ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguaseɛ ma no.+
14 Onipa honhom tumi soa ne yareɛ,+ na honhom a ɛyareɛ deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa?+
15 Onipa a ɔwɔ nteaseɛ no, n’akoma nya nimdeɛ,+ na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ.+
16 Onipa akyɛdeɛ bɔ kwan kɛseɛ ma no,+ na ɛde no kɔ nnipa akɛseɛ mpo anim.+
17 Deɛ ɔdi kan bɔ ne nkuro yɛ ɔteneneeni,+ na ne yɔnko ba a, ɔbɛhwehwɛ ne mu.+
18 Ntonto ma ntɔkwa gyae,+ na ɛpata atumfoɔ mpo.+
19 Onua a wɔafom no sene kuro a ɛyɛ den;+ na mansotwe te sɛ abankɛseɛ akyi mmeamu.+
20 Onipa anom aba na ɔde bɛhyɛ ne yafunu ma;+ n’anom nnɔbaeɛ+ na ɛbɛmee no.
21 Owuo ne nkwa wɔ kɛtrɛma nsam,+ na deɛ ɔdɔ no no bɛdi ɛso aba.+
22 Woanya ɔyere pa+ anaa? Ɛnneɛ woanya adepa,+ woanya Yehowa anim adom.+
23 Ohiani de n’adesrɛ to dwa,+ na ɔdefoɔ ma mmuaeɛ a emu yɛ den.+
24 Ayɔnkofoɔ bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn nnamfo,+ na adamfoɔ bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.+