Mmebusɛm 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ.+ Nkwaseafoɔ bu nyansa ne ntenesoɔ animtia.+ Mmebusɛm 1:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 ɛfiri sɛ wɔkyirii nimdeɛ+ na wɔampɛ Yehowa suro.+ Mmebusɛm 28:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔkannifoɔ a ɔnni nhunumu amimdie dɔɔso,+ na deɛ ɔkyiri mfaso bɔne+ no bɛma ne nna akyɛ.