15 Amradofoɔ a wɔdii m’anim no deɛ, wɔde nnesoa a ɛmu yɛ duro soaa ɔman no, na wɔgyee dwetɛ nnwetɛbena aduanan da biara da de tɔɔ aduane ne nsã. Wɔn asomfoɔ nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me deɛ, Onyankopɔn a mesuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+
4Mesan hwɛɛ nhyɛsoɔ+ a wɔde ba nnipa so owia ase nyinaa, na hwɛ! mehunuu wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo,+ nanso wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara;+ tumi wɔ nhyɛsofoɔ no nsam ma enti wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.
4“Basan+ anantwibereɛ a mogu Samaria+ bepɔ so a mosisi abrɛfoɔ+ na mobubu ahiafoɔ, mo a moka kyerɛ mo wuranom sɛ, ‘Momfa mmra mma yɛnnom!’ no, montie asɛm yi.