Mmebusɛm
17 Paanoo wesee a asomdwoeɛ wom+ yɛ sene efie a afɔrebɔdeɛ a wɔko ho ahyɛ mu mã.+
2 Akoa a ɔwɔ nhunumu bɛdi ɔba a ɔyɛ aniwudeɛ+ so, na ɔbɛnya mma agyapadeɛ+ no bi.
3 Ɔnanefoɔ kukuo wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika,+ na Yehowa na ɔhwehwɛ akoma mu.+
4 Ɔdebɔneyɛfoɔ tie amumuyɔfoɔ ano.+ Ɔtorofoɔ yɛ asõ ma kɛtrɛma a ɛde amanehunu ba.+
5 Deɛ ɔdi ohiani ho fɛ no bɔ ne Bɔfoɔ ahohora.+ Deɛ ɔdi ne yɔnko amanehunu ho ahurisie no remfa ne ho nni.+
6 Nkɔkoraa abotire ne mmanana,+ na mma ahoɔfɛ ne wɔn agyanom.+
7 Teeyɛ ano mfata deɛ ɔnni adwene.+ Nkontompo ano nso mfata onimuonyamfoɔ koraa!+
8 Akyɛdeɛ te sɛ aboɔdenboɔ a wɔde nya animuonyam wɔ ne wura ani so.+ Baabiara a ɔbɛfa no, ɛsi no yie.+
9 Deɛ ɔkata bɔne soɔ no hwehwɛ ɔdɔ,+ na deɛ ɔtĩ asɛm mu no tete nnamfoɔ ntam.+
10 Animka yɛ adwuma yie wɔ deɛ ɔwɔ nteaseɛ mu+ sene sɛ wɔbɛbɔ ɔkwasea mmaa ɔha.+
11 Atuateɛ nko ara na ɔbɔnefoɔ hwehwɛ,+ na ɔbɔfoɔ a wɔsoma no kɔ ne nkyɛn no renhu no mmɔbɔ.+
12 Sisire a wɔafa ne mma+ hyia wo a, ɛyɛ sene ɔkwasea a ɔte ne nkwaseasɛm mu.+
13 Obiara a ɔde bɔne tua papa so ka+ no, bɔne rempa ne fie.+
14 Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo a atue;+ enti ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.+
15 Deɛ ɔbu ɔbɔnefoɔ bem+ ne deɛ ɔbu ɔteneneeni fɔ+—wɔn nyinaa yɛ Yehowa akyiwadeɛ.+
16 Adɛn nti na ɔkwasea kura deɛ ɔbɛtumi de atɔ nyansa+ berɛ a ɔnni tire?+
17 Ɔyɔnko berɛboɔ dɔ berɛ nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+
18 Onipa a ɔnni tire kyea nsam+ de di agyinamu wɔ ne yɔnko anim.+
19 Deɛ ɔpɛ mmarato no pɛ ntɔkwa.+ Deɛ ɔma ne dan ano kɔ soro no hwehwɛ asehweɛ.+
20 Akoma mu kɔntɔnkyefoɔ renhunu papa,+ na deɛ ɔdanedane n’ano bɛhwe mmusuo mu.+
21 Ɔba kwasea papa bɛdi ne ho awerɛhoɔ;+ na ɔba a ɔnni adwene no, ahurisie bi nni hɔ mma ne papa.+
22 Anigyeɛ akoma sa yareɛ;+ honhom a abotoɔ ma nnompe mu wewe.+
23 Ɔbɔnefoɔ bɛgye adanmudeɛ kokoam*+ de adane atemmuo ani.+
24 Nyansa wɔ deɛ ɔwɔ nteaseɛ anim,+ na ɔkwasea aniwa deɛ, ɛdeda asase ano nohoa.+
25 Ɔba kwasea hyɛ ne papa ahometeɛ,+ na ɔma ne maame di awerɛhoɔ.+
26 Bio nso, ɛmfata sɛ wɔbɛbɔ ɔteneneeni ka.+ Ɛntene sɛ wɔbɛhwe ɔdehyeɛ.+
27 Deɛ ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ,+ na nhunumufoɔ honhom dwo.+
28 Ɔkwasea mpo, sɛ ɔmua n’ano a, wɔbu no onyansafoɔ;+ deɛ ɔka n’ano tom no, wɔbu no sɛ ɔwɔ nteaseɛ.