3 Wɔsoaa wɔn ho kɔɔ+ Mose ne Aaron so, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛabrɛ mo! Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron,+ na Yehowa wɔ wɔn mu.+ Adɛn nti na moama mo ho so wɔ Yehowa asafo so saa?”+
20Ná ɔbarima huhuni+ bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔhyɛnee abɛn+ kaa sɛ: “Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yese ba+ no mu. Israelfoɔ, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”+