Numeri 12:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Mose waree Kusni baa, na Kusni baa+ no nti, Miriam ne Aaron kasa tiaa no. Numeri 14:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na Israelfoɔ firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kaa sɛ: “Sɛ yɛwuwuu Egypt anaa serɛ yi so mpo a, anka ɛyɛ! 1 Samuel 15:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 na atuateɛ+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne korɔ, na aniammɔnho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ adekorɔ. Ɛsiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+ Dwom 106:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Wɔn ani beree Mose wɔ nsraban no mu,+Na Yehowa nipa kronkron Aaron nso, wɔn ani beree no.+
2 Na Israelfoɔ firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kaa sɛ: “Sɛ yɛwuwuu Egypt anaa serɛ yi so mpo a, anka ɛyɛ!
23 na atuateɛ+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne korɔ, na aniammɔnho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ adekorɔ. Ɛsiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+