2 Samuel
20 Ná ɔbarima huhuni+ bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔhyɛnee abɛn+ kaa sɛ: “Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yese ba+ no mu. Israelfoɔ, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”+ 2 Ɛnna Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔdii Bikri ba Saba akyi;+ Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho firi Yordan ho kɔsii Yerusalem.+
3 Na Dawid bɛduruu ne fie wɔ Yerusalem.+ Afei ɔhene faa mmaa du no,+ n’ayefam a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie no, na ɔde wɔn guu fie bi mu sɛ wɔnhwɛ wɔn so, na ɔmaa wɔn aduane daa. Ɔne wɔn anna bio,+ na mmom ɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wuda, na wɔdii kuna berɛ a wɔn kunu te aseɛ.
4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Amasa+ sɛ: “Kɔfrɛfrɛ Yuda mmarima ma wɔmmɛhyia me nkyɛn nnansa ntam, na wo nso bɛgyina ha.” 5 Enti Amasa kɔfrɛfrɛɛ Yudafoɔ bɛhyiaeɛ, nanso berɛ a ɔhyɛɛ no no twaam ansa na ɔreba. 6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai+ sɛ: “Deɛ Bikri ba Saba+ de bɛba yɛn soɔ bɛkyɛn Absalom deɛ no.+ Wo deɛ, fa wo wura nkoa+ na tĩ no, na wannya nkuro bi a wɔabɔ ho ban, na wannwane amfiri yɛn ani so.” 7 Ɛnna Yoab+ mmarima no ne Keretifoɔ+ ne Peletifoɔ+ ne nnɔmmarima no nyinaa dii n’akyi, na wɔfirii adi firii Yerusalem tu sãã Bikri ba Saba. 8 Berɛ a wɔduruu ɛboɔ kɛseɛ a ɛwɔ Gibeon+ ho no, Amasa+ bɛhyiaa wɔn. Ná Yoab hyɛ atadeɛ de biribi abɔ ne mu, na ɔde nkrantɛ ahyɛ ne bɔha mu bɔ n’asene. Ɔrekɔ no, ɛfiri tɔeɛ.
9 Ɛnna Yoab bisaa Amasa sɛ: “Me nua, wo ho yɛ?”+ Na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ Amasa bɔdwesɛ mu sɛdeɛ ɔrefe n’ano.+ 10 Amasa deɛ, wanhwɛ nkrantɛ a ɛwɔ Yoab nsam no, enti ɔde wɔɔ+ ne yam, na ne nsono tu guu fam, na wamfoa ne so, na ɔwuiɛ. Afei Yoab ne ne nua Abisai kɔtĩĩ Bikri ba Saba.
11 Na Yoab mmeranteɛ no baako gyinaa ne ho kaa sɛ: “Deɛ ɔpɛ Yoab asɛm na ɔwɔ Dawid afã+ no, ma no nni Yoab akyi!” 12 Saa berɛ no nyinaa na Amasa repere mogya+ mu wɔ tempɔn no mfimfini. Berɛ a aberanteɛ no hunuu sɛ nnipa no nyinaa agyinagyina no, ɔyii Amasa firii tempɔn no mu kɔtoo wuram. Na ɔhunuu sɛ obiara bɛduru ne ho a na wagyina,+ enti ɔde ntoma kataa ne so. 13 Ɔyii no firii tempɔn no so ara pɛ, obiara sene kɔdii Yoab akyi na wɔtĩĩ Bikri ba Saba.+
14 Na Saba twaam Israel mmusuakuo nyinaa mu kɔduruu Habel a ɛwɔ Bet-Maaka.+ Bikrifoɔ nyinaa boaboaa wɔn ho ano, na wɔn nso kɔdii n’akyi.
15 Na wɔkɔ kɔtwaa ne ho hyiaa wɔ Habel a ɛwɔ Bet-Maaka, na wɔtotoo kuro no ho akoban.+ Ná wɔabɔ kuro no ho ban, na nnipa a wɔka Yoab ho nyinaa pempem ɔfasuo no sɛ wɔredwiri agu. 16 Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ+ bi firi kuro no mu teaam sɛ: “Montie, mmarima, montie! Mesrɛ mo, monka nkyerɛ Yoab sɛ, ‘Twe bɛn ha na me ne wo nkasa.’” 17 Enti ɔtwe bɛn ɔbaa no, na ɔbisaa sɛ: “Wone Yoab anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tie w’afenaa asɛm.”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Meretie.” 18 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Tete no, na obiara ka sɛ, ‘Ma wɔnkɔbisa wɔ Habel na asɛm no bɛtwa.’ 19 Mekasa ma asomdwoeɛ+ nnipa ne anokwafoɔ+ a wɔwɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kuro+ ne ɛnã a ɔwɔ Israel. Adɛn nti na worebɛmene+ Yehowa agyapadeɛ?”+ 20 Ɛnna Yoab buaa sɛ: “Ɛmpare me koraa sɛ mɛmene kuro yi na masɛe no. 21 Ɛnyɛ saa na asɛm no teɛ; ɛyɛ ɔbarima bi a ɔfiri Efraim mmepɔ+ so a ne din de Saba+ a ɔyɛ Bikri ba na wama ne nsa so atia Ɔhene Dawid.+ Monyi no mmra,+ na mɛtwe me ho afiri kuro yi ho akɔ.”+ Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! Wɔbɛto ne ti+ afa ɔfasuo no so abrɛ wo!”
22 Ɛhɔ ara na ɔbaa no de ne nyansa+ kɔɔ ɔmanfoɔ no nyinaa nkyɛn, na wɔkɔtwaa Bikri ba Saba ti, na wɔto maa Yoab. Ɛnna ɔhyɛnee abɛn+ maa wɔfirii kuro no ho hweteeɛ, na obiara kɔɔ ne fie; Yoab deɛ, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23 Yoab dii Israel asraafoɔ nyinaa so,+ na Yehoiada+ ba Benaia+ dii Keretifoɔ+ ne Peletifoɔ+ so. 24 Adoram+ na ɔhwɛɛ apaafoɔ soɔ, na Ahilud ba Yehosafat+ na ɔyɛɛ ɔhene krakye. 25 Ná Sewa+ ne ɔtwerɛfoɔ,+ na Sadok+ ne Abiatar+ yɛ asɔfoɔ. 26 Ira a ɔfiri Yair nso bɛyɛɛ Dawid sɔfoɔ.*+