2 Samuel
21 Ɛkɔm+ bi baa Dawid nna mu toatoaa so mfeɛ mmiɛnsa, na Dawid kɔɔ Yehowa anim kɔbisaa no. Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Mogya ho afɔdie wɔ Saul ne ne fie so ɛfiri sɛ ɔkunkum Gibeonfoɔ.”+ 2 Enti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ+ no ne wɔn kasaeɛ. (Nso na Gibeonfoɔ no nyɛ Israelfoɔ. Ná wɔyɛ Amorifoɔ+ a Israel kaa ntam+ kyerɛɛ wɔn no nkaeɛ, nanso Saul pɛɛ sɛ ɔkunkum+ wɔn, Israel ne Yuda ho ninkunu+ a ɔtweeɛ nti.) 3 Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ mma mo, na deɛn na memfa mpata+ mo na ama moahyira Yehowa agyapadeɛ?”+ 4 Na Gibeonfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Saul ne ne fie asɛm no nyɛ dwetɛ ne sika+ asɛm, na ɛnni yɛn nsam nso sɛ yɛbɛkum obi wɔ Israel.” Na ɔkaa sɛ: “Deɛ mobɛka biara, mɛyɛ ama mo.” 5 Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a ɔsɛee+ yɛn na ɔbɔɔ pɔ+ sɛ ɔbɛtɔre yɛn ase afiri Israel asase nyinaa soɔ no, 6 ma wɔmfa ne mmarima nson a wɔfiri ne mma mu mma yɛn,+ na yɛmfa wɔn nsensɛn+ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa yii+ no no kuro Gibea+ mu.” Enti ɔhene kaa sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”
7 Nanso Yehowa ntam+ a ɛda Dawid ne Saul ba Yonatan ntam no nti, ɔhene huu Saul ba Yonatan ba Mefiboset+ mmɔbɔ. 8 Enti ɔhene faa Aiya babaa Rispa+ mma mmarima mmienu a ɔwoo wɔn maa Saul no, Armoni ne Mefiboset, ne Saul babaa Mikal+ mma mmarima nnum a ɔwoo wɔn maa Meholani Basilai ba Adriel+ no. 9 Na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔsensɛn wɔn wɔ bepɔ so, Yehowa anim,+ na nson no nyinaa totɔɔ prɛko. Wɔkunkum wɔn twaberɛ no da a ɛdi kan, berɛ a wɔfiri atokoɔ twa aseɛ no.+ 10 Na Aiya+ ba Rispa faa atweaatam+ de sɛɛ botan no so faeɛ, na wamma wiem nnomaa+ ammɛsisi wɔn so awia, na anadwo nso, wamma wuram mmoa+ amma wɔn ho, firi twaberɛ mfitiaseɛ kɔsii sɛ nsuo tɔ firii soro bɛguu wɔn soɔ.+
11 Akyire yi, wɔkɔkaa+ deɛ Aiya ba Rispa, Saul yefam no, ayɛ kyerɛɛ Dawid. 12 Enti Dawid kɔgyee Saul nnompe+ ne ne ba Yonatan nnompe firii Yebes-Gileadfoɔ+ hɔ; wɔn na wɔkɔwiaa wɔn firii Bet-San+ abɔnten so, baabi a Filistifoɔ de wɔn kɔsɛneeɛ,+ da a Filistifoɔ no kum Saul wɔ Gilboa+ no. 13 Ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firi hɔ baeɛ; afei wɔkɔsesaa mmarima a wɔsensɛn wɔn no nso nnompe.+ 14 Na wɔbɛsiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe wɔ Benyamin asase Sela+ so wɔ ne papa Kis+ asieeɛ, na wɔyɛɛ deɛ ɔhene hyɛɛ wɔn no nyinaa. Yei akyi no, Onyankopɔn tiee asase no ho sufrɛ.+
15 Filistifoɔ+ no san ne Israel koeɛ. Na Dawid ne ne nkoa siane kɔeɛ, na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ, na Dawid brɛeɛ. 16 Ɛnna Yisbi-Benob a ɔfiri Refaim+ asefoɔ mu a ne pea+ ho kɔbere mu duro yɛ nnwetɛbena ahasa, na nkrantɛ foforɔ bɔ n’asene no pɛɛ sɛ ɔbɔ Dawid ku no. 17 Ntɛm ara na Seruia ba Abisai+ bɛboaa+ no, na ɔbɔɔ Filistini no kum no. Ɛnna Dawid mmarima no kaa ntam guu ne so sɛ: “Wo ne yɛn mmfiri adi nnkɔ ɔsa bio,+ anyɛ saa a wobɛdum+ Israel kanea!”+
18 Yei akyi no, ɛbaa sɛ wɔne Filistifoɔ koo bio wɔ Gob. Saa berɛ no, Husani+ Sibekai+ bɔɔ Sipai a ɔfiri Refaim+ asefoɔ mu no kum no.
19 Na wɔsan ne Filistifoɔ no koo wɔ Gob, na Betlehemni Yaare-Oregim ba Elhanan+ bɔɔ Gatni Goliat kum no; ɔno na na ne pea te sɛ ntomanwemfoɔ nsadua no.+
20 Wɔsan koo bio wɔ Gat;+ ná ɔbarima tenten kɛseɛ bi wɔ hɔ a ne nsateaa yɛ nsia nsia, na ne nansoaa nso yɛ nsia nsia, ne nyinaa si aduonu nnan; ɔno nso firi Refaim+ asefoɔ mu. 21 Ná ɔtwa Israel mpoa+ daa, na Dawid nua Simea+ ba Yonatan+ bɔɔ no kum no.
22 Nnan yi yɛ Refaim asefoɔ a wɔwoo wɔn Gat,+ na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsam.+