1 Samuel 18:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ná Saul babaa Mikal+ dɔ Dawid, na berɛ a wɔka kyerɛɛ Saul no, asɛm no yɛɛ no anigye. 1 Samuel 25:44 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 44 Saul deɛ, na ɔde ne babaa Mikal,+ Dawid yere no ama Lais ba Palti+ a ɔfiri Galim+ no aware. 2 Samuel 3:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Bio nso Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ɔha dua ano wedeɛ+ gyee no awareɛ no ma me.” 2 Samuel 6:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Enti Saul babaa Mikal+ deɛ, wanwo ba kɔsii ne wuda.
14 Bio nso Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ɔha dua ano wedeɛ+ gyee no awareɛ no ma me.”