Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
21 Dawid berɛ so no, ɛkɔm bi+ ba toaa so mfeɛ mmiɛnsa, enti Dawid kɔbisaa Yehowa anom asɛm. Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Saul ne ne fie adi mogya ho fɔ, ɛfiri sɛ ɔkunkum Gibeonfoɔ.”+ 2 Enti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ+ no ne wɔn kasaeɛ. (Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na Gibeonfoɔ no nyɛ Israelfoɔ, mmom wɔyɛ Amorifoɔ+ a aka, na Israelfoɔ kaa wɔn ntam sɛ wɔremfa wɔn nsa nka wɔn.+ Nanso na Saul retwe kora ma Israel ne Yuda, enti ɔkunkum wɔn.) 3 Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ mma mo, na deɛn na memfa mpata mo na ama moahyira Yehowa agyapadeɛ?” 4 Gibeonfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Saul ne ne fie asɛm no nyɛ dwetɛ ne sika asɛm,+ na ɛnni yɛn nsam nso sɛ yɛbɛkum obi wɔ Israel.” Na ɔkaa sɛ: “Deɛ mobɛka biara, mɛyɛ ama mo.” 5 Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a anka ɔretɔre yɛn ase na ɔbɔɔ pɔ sɛ ɔbɛhye yɛn ase na yɛannya baabiara antena wɔ Israel asaase so no,+ 6 ma wɔmfa n’asefoɔ nson mma yɛn. Yɛde wɔn funu bɛsensɛn dua so+ wɔ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa yii no+ no kuro Gibea+ mu.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”
7 Nanso ntam a Dawid ne Saul ba Yonatan kaa wɔ Yehowa anim nti, ɔhene huu Saul ba Yonatan+ ba Mefiboset+ mmɔbɔ. 8 Enti ɔhene faa Aiya babaa Rispa+ mma mmarima mmienu, Armoni ne Mefiboset a ɔne Saul woo wɔn no, ne Saul babaa Mikal*+ mma mmarima nnum a ɔwoo wɔn maa Adriel+ a ɔyɛ Basilai a ɔfiri Mehola no ba no. 9 Na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔn nso sensɛn wɔn funu wɔ bepɔ so wɔ Yehowa anim.+ Wɔkuu nnipa nson no nyinaa da koro. Twaberɛ no da a ɛdi kan, berɛ a wɔfiri aseɛ twa baali* no na wɔkum wɔn. 10 Ɛnna Aiya ba Rispa+ faa awerɛhoɔ ntoma* de sɛɛ botan no so, na wamma wiem nnomaa ammɛsisi wɔn funu no so awia, na anadwo nso, wamma wuram mmoa amma ho. Ɔyɛɛ saa firii twaberɛ mfitiaseɛ kɔsii sɛ nsuo tɔ firii soro bɛguu funu no so.
11 Deɛ Aiya ba Rispa a na ɔyɛ Saul mpena* no yɛeɛ no, wɔkɔka kyerɛɛ Dawid. 12 Enti Dawid kɔgyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yebes-Gilead mpanimfoɔ*+ hɔ; wɔn na wɔkɔwiaa wɔn firii Bet-San abɔnten so, baabi a Filistifoɔ de wɔn kɔsɛneeɛ, da a Filistifoɔ no kuu Saul wɔ Gilboa+ no. 13 Ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii hɔ baeɛ; afei wɔkɔsesaa mmarima a wɔkunkum* wɔn no nso nnompe.+ 14 Ɛnna wɔbɛsiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe wɔ Benyamin asaase Sela+ so wɔ Saul papa Kis+ asieeɛ. Berɛ a wɔyɛɛ deɛ ɔhene kaa sɛ wɔnyɛ no nyinaa wieeɛ no, Onyankopɔn tiee wɔn sufrɛ, na ɔhuu asaase no mmɔbɔ.+
15 Filistifoɔ no ne Israelfoɔ san bɛkoe.+ Enti Dawid ne ne nkoa no ne Filistifoɔ koe, nanso ɛduruu baabi no, na Dawid abrɛ. 16 Yisbi-Benob a ɔfiri Refaim+ asefoɔ mu no yɛɛ sɛ ɔreku Dawid. Ná ne kɔbere pea mu duro yɛ nnwetɛbena 300,*+ na na sekan a ɔkura no yɛ foforɔ. 17 Ntɛm ara na Seruia ba Abisai+ bɛboaa no,+ na ɔkum Filistini no. Ɛnna Dawid mmarima no kaa no ntam sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wo ne yɛn kɔ ɛko bio!+ Mma Israel kanea nnum!”+
18 Wei akyi no, wɔne Filistifoɔ koo bio+ wɔ Gob. Saa berɛ no, Husani Sibekai+ kum Saf a ɔfiri Refaim+ asefoɔ mu no.
19 Wɔsan ne Filistifoɔ no koo+ wɔ Gob, na Betlehemni Yaare-Oregim ba Elhanan kum Gatni Goliat; ɔno na na ne pea te sɛ ntomanwemfoɔ dua kɛseɛ no.+
20 Ɛko sii bio wɔ Gat; ná ɔbarima tenten kɛseɛ bi wɔ hɔ a ne nsa mmienu no nyinaa wɔ nsateaa 6, na na ne nan mmienu no nyinaa nso wɔ nansoaa 6; ne nyinaa si 24. Ɔno nso, na ɔfiri Refaim asefoɔ mu.+ 21 Ná ɔtwa Israel adapaa daa,+ enti Dawid nua Simea+ ba Yonatan kum no.
22 Nnipa nnan yi yɛ Refaim asefoɔ a wɔfiri Gat, na Dawid ne ne nkoa kunkum wɔn.+