Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
20 Ná ɔbarima tuatefoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔbɔɔ abɛn+ kaa sɛ: “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yɛrennya hwee mpo mfiri ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapadeɛ.+ Israelfoɔ ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”*+ 2 Ɛbaa saa no, Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔdii Bikri ba Saba akyi;+ Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho, na wɔdii n’akyi firii Yordan ho kɔsii Yerusalem.+
3 Berɛ a Ɔhene Dawid bɛduruu ne fie* wɔ Yerusalem no,+ ɔfaa ne mpenafoɔ* du a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie no,+ na ɔde wɔn guu efie bi mu sɛ nkurɔfoɔ nhwɛ wɔn so, na ɔmaa wɔn aduane daa, nanso ɔne wɔn anna bio.+ Wɔhyɛɛ hɔ kɔsii wɔn wuda, na wɔyɛɛ sɛ akunafoɔ berɛ a wɔn kunu te ase.
4 Afei ɔhene ka kyerɛɛ Amasa+ sɛ: “Kɔfrɛfrɛ Yuda mmarima ma wɔmmɛhyia me nnansa ntam, na wo nso bra bi.” 5 Enti Amasa kɔfrɛfrɛɛ Yudafoɔ bɛhyiaeɛ, nanso berɛ a ɔhene hyɛɛ no no twaam ansa na ɔreba. 6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai+ sɛ: “Anhwɛ a deɛ Bikri ba Saba+ de bɛyɛ yɛn no bɛkyɛn Absalom deɛ no.+ Fa wo wura nkoa na ti no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrennwane nkɔhyɛ nkuro a wɔabɔ ho ban no bi mu.” 7 Enti Yoab mmarima no,+ Keretifoɔ, Peletifoɔ,+ ne akatakyie no nyinaa dii n’akyi, na wɔpue firii Yerusalem kɔtaa Bikri ba Saba so. 8 Berɛ a wɔduruu ɛboɔ kɛseɛ no ho wɔ Gibeon+ no, Amasa+ bɛhyiaa wɔn. Saa berɛ no, na Yoab hyɛ akotaadeɛ de sekan ahyɛ ne bɔha* mu bɔ n’asene. Ɔrebɛn Amasa no, sekan no firi tɔe.
9 Yoab bisaa Amasa sɛ: “Me nua, wo ho yɛ?” Na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ Amasa abɔdwesɛ mu te sɛ deɛ ɔrefe n’ano. 10 Amasa adwene ankɔ sekan a ɛwɔ Yoab nsam no so, na Yoab de wɔɔ ne yam,+ na ne nsono tu guu fam. Ɛsiane sɛ na ɔrewu nti, wansan amfa sekan no anwɔ no bio; ɔde wɔɔ no baako pɛ. Ɛnna Yoab ne ne nua Abisai kɔtii Bikri ba Saba.
11 Yoab mmeranteɛ no baako gyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ Yoab afã na ɔgyina Dawid akyi no, ma no nni Yoab akyi!” 12 Saa berɛ no nyinaa, na Amasa da ɛkwan no mfimfini repere wɔ ne mogya mu. Berɛ a aberanteɛ no huu sɛ nnipa no nyinaa duru hɔ a na wɔagyina no, ɔyii Amasa firii kwan no mu kɔtoo wuram na ɔde ntoma kataa ne so, ɛfiri sɛ ɔhuu sɛ obiara duru ne ho a na wagyina. 13 Berɛ a ɔyii no firii kwan no mu ara pɛ, mmarima no nyinaa kɔdii Yoab akyi, na wɔkɔtaa Bikri ba Saba+ so.
14 Saba kɔfaa Israel mmusuakuo nyinaa mu kɔduruu Habel a ɛwɔ Bet-Maaka+ no. Bikrifoɔ nyinaa boaboaa wɔn ho ano, na wɔn nso kɔkaa ne ho.
15 Yoab ne ne mmarima no kɔtwaa* Habel a ɛwɔ Bet-Maaka no ho hyiaeɛ, na wɔkaa Saba hyɛɛ mu. Afei wɔtotoo akoban* twaa kuro no ho hyiaeɛ. Ná wɔagye kuro no ho ban ahyia. Enti mmarima a wɔka Yoab ho nyinaa pempem ɔfasuo no sɛ wɔredwiri agu. 16 Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ bi firi kuro no mu teaam sɛ: “Montie, mmarima, montie! Mesrɛ mo, monka nkyerɛ Yoab sɛ, ‘Bra na me ne wo nkasa.’” 17 Enti ɔkɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na ɔbaa no bisaa no sɛ: “Wone Yoab anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tie w’afenaa asɛm.” Na ɔno nso kaa sɛ: “Meretie.” 18 Ɔbaa no toaa so sɛ: “Tete no, na obiara ka sɛ, ‘Ma wɔnkɔbisa wɔ Habel’; ɛba saa a, na asɛm no atwa. 19 Mekasa ma nnipa a wɔpɛ asomdwoeɛ ne anokwafoɔ a wɔwɔ Israel. Worebɛsɛe kuro a ɛte sɛ ɔbaatan wɔ Israel. Adɛn nti na wopɛ sɛ wosɛe* Yehowa agyapadeɛ?”+ 20 Yoab buaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛsɛe kuro yi. 21 Ɛnyɛ saa na asɛm no teɛ koraa; ɛyɛ ɔbarima bi a ɔfiri Efraim mmepɔ so+ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Bikri ba na wasɔre* atia Ɔhene Dawid. Sɛ moyi ɔno nko ara ba a, mɛtwe me ho afiri kuro yi ho akɔ.” Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! Wɔbɛto ne ti afa ɔfasuo no so abrɛ wo!”
22 Ɛhɔ ara na ɔbaa nyansafoɔ no kɔɔ nkurɔfoɔ no nyinaa nkyɛn, na wɔkɔtwaa Bikri ba Saba ti, na wɔto maa Yoab. Ɛnna ɔno nso bɔɔ abɛn maa obiara firii kuro no ho hweteeɛ; obiara kɔɔ ne fie.+ Yoab deɛ, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23 Yoab na na ɔda Israel asraafoɔ nyinaa ano,+ na Yehoiada+ ba Benaia+ nso na na ɔda Keretifoɔ ne Peletifoɔ ano.+ 24 Adoram+ na ɔhwɛɛ apaafoɔ so; Ahilud ba Yehosafat+ na na ɔyɛ ɔhene krakye. 25 Ná Sewa ne ɔtwerɛfoɔ, ɛnna Sadok+ ne Abiatar+ yɛ asɔfoɔ. 26 Ira a ɔfiri Yair nso bɛyɛɛ Dawid soafoɔ panin.*