Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
19 Wɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Ɔhene resu, na ɔredi Absalom wuo no ho awerɛhoɔ.”+ 2 Enti nkonimdie* a ɛbaa saa da no danee awerɛhoɔ maa mmarima no nyinaa, ɛfiri sɛ wɔtee sɛ ɔhene resu ne ba no. 3 Saa da no, mmarima no baa kuro no mu+ dinn sɛdeɛ nnipa a wɔadi nkoguo wɔ ɛko mu de aniwuo dwane no. 4 Ɔhene de adeɛ kataa n’anim, na ɔkɔɔ so suu dendeenden sɛ: “Me ba Absalom! Absalom, me ba yi, me ba yi!”+
5 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn wɔ fie hɔ bɛkaa sɛ: “Wo nkoa a wɔagye wo nkwa,* na wɔagye wo mma mmarima,+ wo mma mmaa,+ wo yerenom, ne wo mpenafoɔ*+ nso nkwa* no, ɛnnɛ woahyɛ wɔn nyinaa aniwuo, 6 ɛfiri sɛ woadɔ w’atamfo na woatan w’adɔfoɔ. Ɛnnɛ woakyerɛ sɛ asahene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; ɛnnɛ na mahu sɛ, sɛ Absalom anwu na yɛn a yɛaka nyinaa wuwuiɛ a, anka wopɛ. 7 Afei sɔre pue, na pɛ asɛmpa bi ka kyerɛ wo nkoa fa hyɛ wɔn nkuran,* ɛfiri sɛ meka Yehowa ntam sɛ, sɛ woampue a, obiara rentena wo ho anadwo yi. Anka deɛ ɛbɛto wo no bɛkyɛn bɔne a aba wo so firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ no nyinaa.” 8 Enti ɔhene sɔre bɛtenaa kuro no pono ano, na wɔkɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Ɔhene abɛtena kuro no pono ano.” Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene anim.
Nanso Israel deɛ, na wɔadwane ama obiara kɔ ne fie.+ 9 Nnipa a wɔwɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu ne wɔn ho hamee, na wɔkaa sɛ: “Ɔhene na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfo nsam,+ na ɔno ara nso na ɔgyee yɛn firii Filistifoɔ nsam; seesei Absalom nti wadwane afiri asaase yi so.+ 10 Na Absalom nso a yɛsraa no sii yɛn so hene no,+ wawu wɔ ɛko no mu.+ Enti afei adɛn nti na monkɔfaa ɔhene nsan mmaeɛ?”
11 Ɔhene Dawid soma kɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok+ ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ+ sɛ, ‘Adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fie, berɛ a Israel nyinaa de nkra abrɛ ɔhene wɔ baabi a ɔte no? 12 Me nuanom ne mo; me nnompe ne me honam ne mo.* Adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ?’ 13 Amasa+ nso, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Ɛfiri nnɛ rekɔ, sɛ woammɛyɛ ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.’”+
14 Na ɔnyaa* Yuda mmarima nyinaa akoma maa wɔyɛɛ baako, enti wɔsoma kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo ne wo nkoa nyinaa, monsan mmra.”
15 Ɔhene san n’akyi ba bɛduruu Yordan ho. Yudafoɔ nso kɔɔ Gilgal+ sɛ wɔrekɔhyia ɔhene na wɔde no atwa Yordan. 16 Ɛnna Benyaminni Gera ba Simei+ a ɔfiri Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, Benyaminfoɔ mmarima 1,000 kaa ne ho kɔe. Ná Saul fie akoa Siba+ ne ne mma mmarima 15 ne ne nkoa 20 nso ka ne ho. Wɔyɛɛ ntɛm kɔtwaa Yordan ansa na ɔhene reba. 18 Na ɔfaa* baabi a wɔfa twa nsuo no sɛ ɔrekɔfa ɔhene fiefoɔ de wɔn atwa nsuo no na wayɛ deɛ ɔhene pɛ biara ama no. Na Gera ba Simei bɛkotoo ɔhene anim berɛ a ɔrebɛtwa Yordan no. 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mma me wura mmmu me fɔ, na nkae bɔne a w’akoa yɛɛ wo+ da a me wura ɔhene firii Yerusalem kɔeɛ no, na mma ɔhene mmfa nnhyɛ ne mu. 20 W’akoa nim sɛ wayɛ bɔne, enti na ɛnnɛ madi Yosef fie nyinaa kan abɛhyia me wura ɔhene yi.”
21 Ɛhɔ ara na Seruia ba Abisai+ kaa sɛ: “Deɛ Simei yɛeɛ no, ɛnyɛ owuo na ɛfata no? Ɛfiri sɛ ɔdomee deɛ Yehowa asra no.”+ 22 Nanso Dawid kaa sɛ: “Mo Seruia mma, asɛm yi fa mo ho bɛn a enti moasɔre atia me nnɛ yi?+ Ɛnnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ wɔkum obi wɔ Israel? Enti mennim sɛ medi hene wɔ Israel nnɛ?” 23 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Worenwu.” Afei ɔhene kaa no ntam.+
24 Saul banana Mefiboset+ nso bɛhyiaa ɔhene. Ɔno deɛ, ɛfiri da a ɔhene kɔeɛ bɛsi da a ɔbaa asomdwoeɛ mu no, na ɔnhohoroo ne nan ho mmubuu ne mmɔwerɛ. Afei na ɔntwitwaa ne mfemfem nhoroo ne ntaadeɛ. 25 Berɛ a ɔbaa* Yerusalem bɛhyiaa ɔhene no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankɔ?” 26 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Me wura ɔhene, me somfoɔ no+ na ɔdaadaa me. W’akoa kaa sɛ, ‘Ma menhyehyɛ afunumu na mentena so ne ɔhene nkɔ,’ ɛfiri sɛ w’akoa yɛ obubuafoɔ.+ 27 Nanso ɔbɛsɛee w’akoa din kyerɛɛ me wura.+ Na me wura ɔhene deɛ, wote sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ, enti deɛ ɛyɛ ma wo biara, yɛ. 28 Anka me wura ɔhene bɛtumi akunkum me papa fiefoɔ nyinaa, nanso wode w’akoa aka wɔn a wɔdidi wɔ wo pono so no ho.+ Enti hokwan bɛn na mewɔ sɛ mɛsan asu akyerɛ ɔhene?”
29 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woda so ara ka ho asɛm? Masi gyinae sɛ, wo ne Siba nkyɛ asaase no.”+ 30 Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Seesei a me wura ɔhene asan aba ne fie asomdwoeɛ mu yi, ma no mfa ne nyinaa mpo.”
31 Na Gileadni Basilai+ firi Rogelim baa Yordan mpɔtamu hɔ sɛ ɔrebegya ɔhene kwan akɔ Asubɔnten Yordan ho. 32 Ná Basilai anyini paa, na wadi mfeɛ 80; berɛ a ɔhene wɔ Mahanaim no, ɔno na na ɔma no aduane,+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ paa. 33 Enti ɔhene ka kyerɛɛ Basilai sɛ: “Wo ne me ntwa nkɔ, na mɛma woanya w’ano aduane wɔ Yerusalem.”+ 34 Nanso Basilai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Me nkwa nna* a aka yɛ ahe na me ne ɔhene akɔ Yerusalem? 35 Seesei madi mfeɛ 80.+ Mɛtumi ahunu deɛ ɛyɛ papa ne deɛ ɛyɛ bɔne? W’akoa bɛte deɛ medi ne deɛ menom dɛ? Anaa mɛte mmarima ne mmaa nnwontofoɔ nne bio?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa kɔyɛ adesoa ma me wura ɔhene? 36 Yordan ho a w’akoa de ɔhene abɛduru no ara dɔɔso ma me. Adɛn nti na ɔhene de akatua a ɛte sei rema me? 37 Mesrɛ wo, ma w’akoa nsan na ma menwu wɔ me kurom, baabi a ɛbɛn me papa ne me maame asieeɛ.+ W’akoa Kimham+ nie. Ma no ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na deɛ ɛyɛ ma wo biara, yɛ ma no.”
38 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Kimham ne me bɛtwa akɔ, na deɛ ɛyɛ ma wo biara, mɛyɛ ama no; deɛ wobɛka biara, mɛyɛ ama wo.” 39 Afei nnipa no nyinaa firii aseɛ twaa Yordan, na ɔhene nso twaeɛ. Ɔhene fee Basilai afono ho,+ na ɔhyiraa no. Ɛnna Basilai san n’akyi kɔɔ ne kurom. 40 Berɛ a ɔhene twa kɔɔ Gilgal+ no, Kimham ne no kɔeɛ, na Yudafoɔ nyinaa ne Israelfoɔ fã nso ne ɔhene kɔeɛ.+
41 Ɛnna Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn, na wɔbisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima no wiaa wo sɛ wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa bɛtwa Yordan?”+ 42 Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: “Ɛfiri sɛ yɛn na ɔhene no yɛ yɛn busuani.+ Adɛn nti na moama asɛm yi ahyɛ mo abufuo? Yɛadidi ɔhene ho, anaa wakyɛ yɛn biribi?”
43 Nanso Israel mmarima ka kyerɛɛ Yuda mmarima sɛ: “Yɛwɔ kyɛfa du wɔ ahennie no mu, enti Dawid yɛ yɛn hene sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn animtia? Ɛnyɛ yɛn na anka ɛsɛ sɛ yɛdi kan kɔfa yɛn hene ba?” Nanso Yuda mmarima ano boroo Israel mmarima so.*