Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
18 Ɛnna Dawid kan mmarima a wɔka ne ho no, na ɔde apem apem so ahwɛfoɔ ne ɔhaha so ahwɛfoɔ sisii wɔn so.+ 2 Afei Dawid kyɛɛ mmarima no mu akuo mmiɛnsa de baako hyɛɛ Yoab nsa,+ na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba+ Abisai a ɔyɛ Yoab nua no nsa,+ na ɔde baako nso hyɛɛ Gatni Itai nsa.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ mmarima no sɛ: “Me nso mɛka mo ho ne mo akɔ.” 3 Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛmpɛ sɛ wo ne yɛn kɔ;+ yɛn deɛ, sɛ ɛba sɛ yɛdwane a, ɛrenyɛ wɔn asɛm.* Sɛ mpo yɛn mu fã wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, na wo deɛ, wote sɛ yɛn mu nnipa 10,000.+ Enti ɛyɛ mmom sɛ wobɛtena kuro no mu adi aboa yɛn.” 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ mopɛ sɛ meyɛ biara, mɛyɛ.” Enti ɔhene gyinaa kuro pono no nkyɛn maa mmarima no nyinaa pue kɔeɛ, ɔhaha ne apem apem. 5 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab, Abisai, ne Itai sɛ: “Mo ne aberanteɛ Absalom nni no brɛbrɛ mma me.”+ Berɛ a ɔhene de Absalom ho ahyɛdeɛ no rema asahene no, mmarima no nyinaa teeɛ.
6 Mmarima no siim kɔɔ wuram kɔhyiaa Israel, na wɔde ɛko no hyehyɛɛ so wɔ Efraim kwaeɛ mu.+ 7 Israel+ dɔm no dii nkoguo wɔ Dawid nkoa no anim+ wɔ hɔ, na nnipa bebree wuwuu saa da no, mmarima 20,000. 8 Ɛko no trɛ kɔɔ mpɔtamu hɔ baabiara. Bio nso, nnipa a wɔwuwuu wɔ kwaeɛ no mu saa da no dɔɔso senee nnipa a sekan kunkum wɔn no.
9 Ɛduruu baabi no, Dawid nkoa no kɔpuee Absalom so. Saa berɛ no, na Absalom te afunumupɔnkɔ bi so, na afunumupɔnkɔ no kɔfaa dua kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tiri nwi kɔsɔɔ dua kɛseɛ no mu maa no sensɛn soro a ne nan nka fam,* na afunumupɔnkɔ a na ɔte so no toaa so kɔe. 10 Obi hunuiɛ, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab+ sɛ: “Hwɛ! Makɔhu Absalom sɛ ɔsɛn dua kɛseɛ bi so.” 11 Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no sɛ: “Sɛ wohuu no a, adɛn nti na woanku no amma no ammɛhwe fam wɔ hɔ ara? Anka mede nnwetɛbena du ne abɔsoɔ* bɛtua wo ka.” 12 Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Sɛ woma me nnwetɛbena 1,000 mpo a,* merentumi mfa me nsa nka ɔhene ba no, ɛfiri sɛ berɛ a ɔhene ka kyerɛɛ wo ne Abisai ne Itai sɛ, ‘Obiara nhwɛ yie na biribi anyɛ aberanteɛ Absalom’ no, yɛteeɛ.+ 13 Sɛ meyɛɛ asoɔden kuu no a,* anka asɛm no renhinta ɔhene da, na wo nso anka worenka bi mma me.” 14 N’ano siiɛ no, Yoab kaa sɛ: “Merensɛe berɛ wɔ wo ho bio!” Ɛnna ɔfaa nnadeɛ nketewa* mmiɛnsa a ano yɛ mfeamfeaa hyɛɛ ne nsam, na ɔkɔtoto wɔɔ Absalom akomam wɔ dua kɛseɛ no so berɛ a ɔda so te nkwa mu. 15 Ɛnna Yoab asomfoɔ du a wɔkura n’akodeɛ baa Absalom ho bɛkum no.+ 16 Afei Yoab bɔɔ abɛn, na mmarima no gyaee Israel akyiri die; Yoab maa wɔgyaee ɛko no. 17 Wɔde Absalom kɔtoo amena kɛseɛ bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔsoaa aboɔ pii guu ne so.+ Na Israelfoɔ nyinaa, obiara dwane kɔɔ ne fie.
18 Berɛ a Absalom te ase no, ɔde edum bi tim Ɔhene Bɔn mu,*+ na ɔkaa sɛ: “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛma me din atena hɔ.”+ Enti ɔde ne din too edum no so, na wɔafrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi nnɛ.
19 Sadok ba Ahimahas+ kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ, ɛfiri sɛ Yehowa abu atɛntenenee ama no de agye no afiri n’atamfo nsam.”+ 20 Nanso Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ nnɛ, da foforɔ na wobɛbɔ amanneɛ. Ɛnnɛ deɛ, ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ no, ɛfiri sɛ ɔhene ba na awu.”+ 21 Afei Yoab ka kyerɛɛ Kusni+ no sɛ: “Kɔ na kɔka deɛ woahunu kyerɛ ɔhene.” Ɛnna Kusni no kotoo Yoab, na ɔde mmirika kɔeɛ. 22 Na Sadok ba Ahimahas san ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Deɛ ɛbɛba biara mmra, mesrɛ wo, ma me nso mentu mmirika nni Kusni no akyi.” Nanso Yoab kaa sɛ: “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wotu mmirika kɔ berɛ a yɛmfaa amanneɛbɔ biara nsomaa wo?” 23 Ɔsan kaa bio sɛ: “Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma mentu mmirika nkɔ.” Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔ!” Na Ahimahas sɔɔ mmirika mu kɔfaa Yordan mantam no mu, na ɔkɔsian Kusni no ho.
24 Ná Dawid te kuro apono mmienu no ntam,+ na ɔwɛmfoɔ+ no kɔɔ kuro pono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Berɛ a ɔmaa n’ani so no, ɔhuu ɔbarima bi a ɔno nko ara nam sɛ ɔde mmirika reba. 25 Enti ɔwɛmfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene, na ɔhene kaa sɛ: “Sɛ ne nko ara na ɔnam a, ɛnneɛ ɔde asɛm nam.” Berɛ a ɔreyɛ abɛn hɔ no, 26 ɔwɛmfoɔ no huu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Ɔwɛmfoɔ no ka kyerɛɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima foforɔ a ɔno nko ara nam de mmirika reba.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Ɔno nso so nkra.” 27 Ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: “Deɛ ɔdi kan no mmirikatuo te sɛ Sadok ba Ahimahas.”+ Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Ɔyɛ onipa pa enti ɛbɛyɛ sɛ asɛmpa na ɔde nam.” 28 Ɛnna Ahimahas ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mede anigyesɛm nam!” Ɔkotoo ɔhene de n’anim butuu fam. Na ɔtoaa so sɛ: “Ayeyie nka Yehowa wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔsɔre* tiaa me wura ɔhene no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa.”+
29 Nanso ɔhene bisaa sɛ: “Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa?” Ɛnna Ahimahas kaa sɛ: “Berɛ a Yoab somaa ɔhene somfoɔ ne me* no, metee gyegyeegye bi, nanso na mennim deɛ ɛrekɔ so.”+ 30 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛgyina nkyɛn ha.” Ɛnna ɔkɔgyinaa nkyɛn.
31 Afei Kusni no nso bɛduruu hɔ,+ na Kusni no kaa sɛ: “Ma me wura ɔhene ntie amanneɛ a ɛwɔ hɔ yi: Ɛnnɛ Yehowa abu atɛntenenee ama wo, na wagye wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”+ 32 Nanso ɔhene bisaa Kusni no sɛ: “Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa?” Ɛnna Kusni no kaa sɛ: “Ma me wura ɔhene atamfo a wɔsɔre tiaa wo a na wɔpɛ sɛ wɔdi wo bɔne nyinaa nyɛ sɛ aberanteɛ no!”+
33 Asɛm no haa ɔhene, na ɔforo kɔɔ kuro pono no atifi dan no mu, na ɔtuee su mu. Ɔrekɔ nyinaa na ɔreka sɛ: “O me ba Absalom, me ba yi, me ba Absalom! Anka ma me mmom menwu, anka ma mensi w’ananmu, Absalom! Me ba yi, me ba yi!”+