Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
17 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Mesrɛ wo, ma menyi mmarima 12,000 na yɛnsɔre nkɔti Dawid anadwo yi. 2 Mɛkɔ akɔto no sɛ wabrɛ na n’ahoɔden asa,*+ na mɛma ehu aka no; nnipa a wɔwɔ ne ho nyinaa bɛdwane, na mɛku ɔhene nko ara.+ 3 Afei mede mmarima no nyinaa bɛsan abrɛ wo. Sɛ mmarima no nyinaa bɛsan aba a, ɛbɛgyina deɛ ɛbɛto ɔbarima a worehwehwɛ no no so. Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa bɛnya asomdwoeɛ.” 4 Asɛm a ɔkaeɛ no, na ɛtɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa asom.
5 Nanso Absalom kaa sɛ: “Mesrɛ mo, momfrɛ Husai+ a ɔyɛ Arkini no mmra, na yɛntie deɛ ɔno nso wɔ ka.” 6 Enti Husai baa Absalom nkyɛn. Na Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: “Afotuo a Ahitofel de ama nie. Yɛnyɛ deɛ waka no anaa? Sɛ ɛnte saa a, kyerɛ w’adwene.” 7 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ahitofel afotuo a ɔde ama saa berɛ yi deɛ, ɛnyɛ!”+
8 Husai toaa so kaa sɛ: “Wo ara wonim sɛ wo papa ne ne mmarima no yɛ akatakyie,+ na wɔn ani abere* te sɛ sisire a ne mma ayera wɔ wuram.+ Afei nso, wo papa yɛ ɔkofoɔ,+ enti anadwo yi, ɔrenna ɔmanfoɔ no mu. 9 Sɛsɛɛ wakɔhinta ɔbodan* mu anaa baabi foforɔ.+ Na ɛba sɛ ɔno di kan to hyɛ wɔn so a, nkurɔfoɔ bɛte aka sɛ, ‘Nnipa a wɔdi Absalom akyi no adi nkoguo!’ 10 Ɛba saa a, ɔbarima kokoɔdurofoɔ a n’akoma te sɛ gyata+ akoma mpo bɛbɔ hu; Israel nyinaa nim sɛ wo papa yɛ ɔkatakyie,+ na mmarima a wɔka ne ho no nso yɛ akokoɔdurofoɔ. 11 Enti m’afotuo nie: Ma wɔmmoaboa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba,+ na wɔn dodoɔ nyɛ sɛ mpoano anwea,+ na wɔmmra wo nkyɛn, na wo ara di wɔn anim kɔ ɛko no. 12 Ma yɛnkɔ ne so wɔ baabi a yɛbɛhu no biara, na yɛnto nhyɛ ne so sɛdeɛ bosuo tɔ gu fam no, na ɔne mmarima a wɔka ne ho no baako mpo renka. 13 Na sɛ ɔkɔhyɛ kuro bi mu nso a, Israel nyinaa bɛfa nhoma akɔ hɔ, na yɛatwe kuro no afasuo akɔgu subɔn no mu akɔsi sɛ ɛboɔ baako mpo renka hɔ.”
14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: “Husai a ɔyɛ Arkini no afotuo no yɛ sene Ahitofel afotuo no!”+ Ná Ahitofel afotuo no yɛ, nanso Yehowa na ɔhwɛ maa* wɔsɛee afotuo no+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusuo bɛba Absalom so.+
15 Akyire yi, Husai kɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Sei ne sei na Ahitofel tuu Absalom ne Israel mpanimfoɔ no fo, na sei ne sei na me nso metuu wɔn fo. 16 Enti afei monsoma ntɛm nkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Anadwo yi, ntena serɛ no so baabi a wɔfa twa asubɔnten no.* Mmom twa kɔ ɛfã nohoa, anyɛ saa a wɔbɛpra* ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa afiri hɔ.’”+
17 Saa berɛ no, na Yonatan+ ne Ahimahas+ wɔ En-Rogel,+ enti abaawa bi kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔn nso siim sɛ wɔrekɔka akyerɛ Ɔhene Dawid. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ kuro no mu ama obi ahu wɔn. 18 Nanso aberanteɛ bi huu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Enti wɔn mmienu de mmirika kɔɔ Bahurim+ kɔhyɛɛ abura mu wɔ ɔbarima bi adihɔ. 19 Ɛnna ɔbarima no yere de adeɛ kataa abura no so, na ɔde hwiit a wɔasi guu so, na obiara anhunu akyire. 20 Absalom nkoa no baa ɔbaa no nkyɛn wɔ fie hɔ, na wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na Ahimahas ne Yonatan wɔ?” Ɔbaa no buaa sɛ: “Wɔatwam kɔ asubɔnten no ho.”+ Na wɔhwehwɛɛ wɔn ara, nanso wɔanhu wɔn, enti wɔsan kɔɔ Yerusalem.
21 Berɛ a mmarima no firii hɔ kɔeɛ no, wɔfirii abura no mu, na wɔsiim kɔbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkɔtwa nsuo no, na afotuo a Ahitofel de ama wɔn nie.”+ 22 Ɛhɔ ara na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho nyinaa sɔreeɛ, na wɔkɔtwaa Yordan no. Adeɛ kyeeɛ no, na wɔn nyinaa atwa Yordan no; wɔn mu baako mpo anka.
23 Ahitofel deɛ, berɛ a ɔhuu sɛ wɔamfa n’afotuo anyɛ adwuma no, ɔhyehyɛɛ afunumu, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔmaa ne fiefoɔ akwankyerɛ,+ na ɔsɛn ne ho*+ wuiɛ. Na wɔsiee no wɔ n’agyanom asieeɛ.
24 Dawid kɔɔ Mahanaim,+ na Absalom nso ne Israel mmarima a wɔka ne ho nyinaa kɔtwaa Yordan no. 25 Amasa+ na Absalom de no sii Yoab ananmu yɛɛ no asraafoɔ so panin.+ Amasa yɛ Israelni barima a wɔfrɛ no Yitra no ba; ɔne Abigail+ na ɛwoo no. Abigail nso yɛ Nahas ba, na ɔsan yɛ Yoab maame Seruia nuabaa. 26 Israel ne Absalom kɔsoɛɛ Gilead+ asaase so.
27 Berɛ a Dawid bɛduruu Mahanaim no, ɛhɔ ara na Sobi a ne papa ne Nahas a ɔfiri Ammonfoɔ kuro Raba+ mu, Makir+ a ne papa ne Amiel a ɔfiri Lo-Debar, ne Gileadni Basilai+ a ɔfiri Rogelim bɛhyiaa no. 28 Nneɛma a wɔde baeɛ ne mpa, asɛn, nkukuo, hwiit, baali,* esiam, nkyeweɛ, apatram, asedua, hwiit* a wɔakye, 29 ɛwoɔ, bɔta, nnwan, ne kyiis.* Wɔde ne nyinaa brɛɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no sɛ wɔnni,+ ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɛkɔm de nkurɔfoɔ no, na wɔabrɛbrɛ na sukɔm nso ade wɔn wɔ serɛ yi so.”+