2 Samuel
17 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Mesrɛ wo, ma menyi mmarima mpem dumienu na yɛnsɔre nkɔtĩ Dawid anadwo yi.+ 2 Mɛkɔ akɔto no sɛ wabrɛ na ne nsa mmienu nyinaa mu ahoɔden asa,+ na mɛma ne ho apopo, na nnipa a wɔwɔ ne ho nyinaa bɛdwane, na ɛka ɔhene nko ara a, maku no.+ 3 Na mede ɔman no nyinaa bɛsan abrɛ wo. Sɛ wo nsa ka onipa a worehwehwɛ no no a, woanya ɔman no nyinaa, na ɔman no nyinaa bɛnya asomdwoeɛ.” 4 Ná asɛm no tene wɔ Absalom+ ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ani so.
5 Nanso Absalom kaa sɛ: “Momfrɛ Arkini Husai+ mmra na yɛntie deɛ ɔno nso wɔ ka.” 6 Enti Husai baa Absalom nkyɛn. Na Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm a Ahitofel aka nie. Yɛnyɛ deɛ waka no anaa? Sɛ ɛnte saa a, wo nso ka bi.” 7 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ahitofel afotuo a ɔde ama saa berɛ yi deɛ, ɛnyɛ!”+
8 Na Husai ka kaa ho sɛ: “Wo ara wonim wo papa ne ne mmarima no sɛ wɔyɛ nnɔmmarima,+ na wɔn ani abere+ sɛ sisire bereɛ a ne mma ayera wɔ wuram;+ wo papa yɛ ɔkofoɔ,+ enti ɔrenna ɔmanfoɔ no mu anadwo yi. 9 Hwɛ! Sɛsɛɛ wakɔhunta+ amena bi mu anaa baabi foforɔ, na sɛ ɛba sɛ ɔno di kan to hyɛ wɔn so a, nkurɔfoɔ bɛte akɔka sɛ, ‘Nnipa a wɔdi Absalom akyi no adi nkoguo!’ 10 Ɛba saa a, ɔbarima kokoɔdurofoɔ a n’akoma te sɛ gyata+ akoma mpo bɛyɛ mmerɛ;+ Israel nyinaa nim sɛ wo papa yɛ dɔmmarima,+ na saa na mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔka ne ho no nso teɛ.+ 11 Enti m’afotuo ne sɛ: Ma wɔmmoaboa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba,+ sɛ́ mpoano anwea dodoɔ,+ na wɔmmra wo nkyɛn, na wo ara kɔ ɛko no.+ 12 Ma yɛnkɔ ne so wɔ baabi a yɛbɛhu no,+ na yɛnto nhyɛ ne so sɛdeɛ bosuo+ tɔ gu fam no, na ɔne mmarima a wɔka ne ho no baako mpo renka. 13 Na sɛ ɔdwane kɔhyɛ kuro bi mu nso a, Israel nyinaa bɛfa nhoma akɔ kuro no mu, na yɛatwe akɔgu subɔn no mu akɔsi sɛ ɛboɔ baako mpo renka hɔ.”+
14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: “Arkini Husai afotuo no yɛ+ sene Ahitofel afotuo no!” Ná Ahitofel afotuo no yɛ,+ nanso Yehowa na ɔhyɛɛ+ sɛ wɔnsɛe afotuo no+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusuo+ bɛba Absalom soɔ.
15 Akyire yi, Husai kɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok+ ne ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Sei ne sei na Ahitofel tuu Absalom ne Israel mpanimfoɔ no foɔ, na sei ne sei na me nso metuu no foɔ. 16 Enti afei monsoma ntɛm nkɔka nkyerɛ Dawid+ sɛ, ‘Ntena serɛ pradaa no so anadwo yi, twa mmom na twa korɔ,+ anyɛ saa a wɔbɛmemene+ ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa.’”
17 Yonatan+ ne Ahimahas+ deɛ, na wɔgyinagyina En-Rogel,+ na abaawa bi kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔn nso wɔsiim, ɛfiri sɛ na ɛsɛ sɛ wɔkɔka kyerɛ Ɔhene Dawid; ná wɔrentumi nkɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ bɛhu wɔn. 18 Nanso aberanteɛ bi hunuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Enti wɔn mmienu de mmirika kɔɔ ɔbarima bi fie wɔ Bahurim;+ ná ɔwɔ abura wɔ n’adihɔ, na wɔkɔhyɛɛ mu. 19 Ɛnna ɔbarima no yere faa nkatasoɔ de kataa abura no soɔ, na ɔde ayuo a wɔasie guguu so,+ na obiara anhunu ho hwee. 20 Na Absalom nkoa baa ɔbaa no nkyɛn wɔ fie hɔ, na wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na Ahimahas ne Yonatan wɔ?” Ɛnna ɔbaa no buaa sɛ: “Wɔatwam ha kɔ nsuo no ho.”+ Na wɔhwehwɛɛ wɔn ara, nanso wɔanhu wɔn,+ enti wɔsan kɔɔ Yerusalem.
21 Ɛbaa sɛ berɛ a wɔfiri hɔ kɔeɛ no, wɔfirii abura no mu, na wɔsiim kɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid. Wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkɔtwa asuo no, na ɛfo+ a Ahitofel atu no mo ho nie.” 22 Ɛhɔ ara na Dawid sɔreeɛ, ɔne nnipa a wɔka ne ho nyinaa, na wɔkɔtwaa Yordan kɔsii sɛ animu tetee+ anɔpa, na wɔn mu baako mpo anka a wantwa Yordan.
23 Ahitofel deɛ, berɛ a ɔhunuu sɛ wɔamfa n’afotuo anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afunumu, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamanseɛ,+ na ɔsɛn+ ne ho wuiɛ.+ Na wɔsiee+ no n’agyanom asieeɛ.
24 Dawid kɔɔ Mahanaim,+ na Absalom nso kɔtwaa Yordan, ɔne Israel mmarima a wɔka ne ho nyinaa. 25 Amasa+ na Absalom de no sii Yoab+ anan yɛɛ no asraafoɔ so panin. Amasa yɛ Israelni barima bi a wɔfrɛ no Yitra ba.+ Yitra yi na ɔkɔɔ Nahas ba Abigail+ a ɔyɛ Yoab maame Seruia nuabaa ho no. 26 Na Israel ne Absalom kɔkyeree nsraban Gilead+ asase so.
27 Berɛ a Dawid bɛduruu Mahanaim no, ɛhɔ ara na Nahas a ɔfiri Ammonfoɔ+ kuro Raba+ mu ba Sobi ne Amiel+ a ɔfiri Lo-Debar ba Makir+ ne Gileadni Basilai+ a ɔfiri Rogelim+ 28 de mpa ne asɛn ne nkukuo ne ayuo ne atokoɔ ne esiam+ ne nkyeweɛ+ ne apatram+ ne asedua+ ne aburoo a wɔakyeɛ, 29 ne ɛwoɔ+ ne bɔta+ ne nnwan ne nufosuo a ada brɛɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no sɛ wɔnni,+ ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɛkɔm de nnipa no, na wɔabrɛbrɛ na sukɔm ade wɔn ɛserɛ yi so.”+